Hesekiel 31 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Farao mpofirim ahweaseɛ

1Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne n’asafo yuu no sɛ:

Wote sɛ hwan, wo kɛseyɛ mu?

3 Dan 4.10-14 Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro,

ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu,

na ɛkorɔn sorɔnsorɔn

a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.

4Nsuo maa no yɛɛ kɛse,

ebunu maa no korɔnn.

Ne nsutene sene

twaa ne mfuo ho hyiae,

na ɛde ne nsuka

kɔɔ wiram nnua nyinaa ho.

5Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn

sene wiram nnua nyinaa,

ne dubaa ayeyɛ akɛseɛ

na ne mman ayeyɛ atentene,

nsuo dodoɔ a ɛnyaeɛ a ɛpaepae nkorabata no nti.

6Ne mman frɔmfrɔm no mu

na ewiem nnomaa nyinaa yeyɛɛ apirebuo,

na ne mman akɛseɛ no ase na wiram mmoa nyinaa

wowoo wɔn mma,

na n’ase nwunu mu

na amanaman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ.

7Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu,

ne mman tentenyɛ mu,

ɛfiri sɛ na ne nhini

kɔ nsuo bebree ho;

8ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no,

na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no,

na kyɛnkyɛn nte sɛ

ne mman akɛseɛ;

dua biara nni Nyankopɔn turo mu

a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;

9mede ne mman dodoɔ

maa ɛyɛɛ fɛ

maa nnua

a ɛwɔ Nyankopɔn Eden turo mu no nyinaa ani beree no.

10 Hes 28.2-10 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɛwaree ne korɔn mu na ɔyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ mununkum mu, na n’akoma huhuruiɛ n’ahantan mu nti,

11mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no.

12Na ananafoɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ too no gui na wɔgyaa no hɔ; mmepɔ so ne mmonhwa nyinaa mu na na ne mman guguo, na ne mman akɛseɛ no bubui wɔ asase so nsubɔnhwa nyinaa mu, na asase so aman nyinaa firii ne nwunu no mu sane kɔe, gyaa no hɔ.

13Na dutan a ɛda fam no so

na na ewiem nnomaa nyinaa sisie,

na ne mman akɛseɛ no so

na na wiram mmoa nyinaa wɔ.

14Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa.

Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo,

akɔ asase ase tɔnn,

nnipa mma mu,

akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn.

15Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a ɔsiane kɔɔ Asamando no, memaa abooboodie bae, ne nti memaa ebunu so katae, na mesii ne nsubɔntene ano, na wɔsiankaa nsuo bebree no; na memaa Lebanon firaa ne so birisi tumm, na ne nti ewiem nnua nyinaa botoe.

16Hes 31.14 N’ahweaseɛ gyegyeegye so memaa amanaman wosoe, berɛ a mereto no akɔ Asamando aka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon adeɛ a wɔayi a ɛyɛ no, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa bo tɔe, asase so.

17Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwunu mu, amanaman mu no, wɔne no siane kɔɔ Asamando, kɔɔ nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn.

18Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn.

Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help