1 Berɛsosɛm 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dawid bɛdi Israel ne Yuda so hene(2 Samuel 5.1-10)

1 Gye 29.14; 2 Sa 5.1-10 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Hwɛ, wo bogya ne yɛn.

2Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma.

32 Sa 16.1, 3, 12 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.

4Na Dawid ne Israel nyinaa sii mu kɔɔ Yerusalem, a na ɛne Yebus no, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Yebusifoɔ a wɔyɛ asase no sofoɔ no teɛ.

5Na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kuro no.

6Na Dawid kaa sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ kane no, ɔbɛyɛ otitire ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔɔ kane, na ɔyɛɛ otitire.

7Na Dawid tenaa aban no mu, saa nti na wɔfrɛ no Dawid kuro.

8Na Dawid kyekyeree kuro no hyiae de firi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiee kuro no nkaeɛ no.

9Na Dawid kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ Asafo AWURADE dii n’akyi.

Dawid nnɔmmarima(2 Samuel 23.8-39)

10 2 Sa 23.8-39 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ.

111 Be 27.2 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ.

12 1 Be 27.4 Na n’akyiri na Ahohini Dodo ba Eleasa die, ɔfra nnɔmmarima baasa no mu.

13Ɔno na na ɔne Dawid wɔ Pas-damim no, na Filistifoɔ aboaboa wɔn ano wɔ hɔ sɛ wɔrebɛdi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atokoɔ ayɛ so ma, na ɔman no dwanee firii Filistifoɔ anim.

14Ɔno ne nkaeɛ no kɔgyinaa asasewa no mfimfini gyee wɔn ho, na wɔkum Filistifoɔ no. Na AWURADE de nkonimdie kɛseɛ gyee wɔn.

15 1 Sa 22.1 Na atitire aduasa no mu baasa siane kɔɔ ɔbotan no so Dawid nkyɛn, Adulam bodan no mu, na Filistifoɔ dɔm akyere nsraban Refaim bonhwa mu.

16Nso ɛberɛ no mu, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.

17Na Dawid kɔn dɔe, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom?

18Na mmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE,

19na ɔkaa sɛ: Me Nyankopɔn mma no mpare me sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima yi mogya wɔn kra so anaa? Na wɔn nkwa na wɔde too hɔ kɔfa baeɛ yi. Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ.

20Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu.

21Nnipa baasa no mu, na ɔwɔ animuonyam sene baanu no, na ɔdi wɔn safohene, nanso wanto akane baasa no.

22Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyie a ɔfiri Kabseel a ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ. Ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno nso na ɔsiane kɔkum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛmma atɔ.

231 Sa 17.7 Na ɔno ara nso na ɔkɔkumm Misraimni barima bi a ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa. Na Misraimni no kura pea a ɛte sɛ ntomanwomfoɔ nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwimm Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.

241 Be 27.5-6 Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔwɔ din nnɔmmarima baasa no mu.

25Hwɛ, na ɔwɔ animuonyam sene akunini aduasa no, nanso akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so.

26Na dɔm no mu nnɔmmarima no ne: Yoab nua Asahel, Betlehemni Dodo ba Elhanan,

271 Be 27.8, 10 Harorini Samot, Pelonni Heles,

28Tekoani Ikes ba Ira, Anatotni Abieser,

29Husani Sibekai, Ahohini Ilai,

30Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heled.

31Ribai a ɔfiri Gibea a ɛwɔ Benyamin mma mu ba Itai, Piratonni Benaia,

32Nahale-gaasni Hurai, Arabani Abiel,

33Baharumni Asmawet, Saalbonni Eliahba,

34Gisoni Hasem mma, Hararini Sage ba Yonatan,

35Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal,

36Mekerani Hefer, Pelonni Ahia,

37Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai,

38Natan nua Yoel, Hagri ba Mibhar,

39Amonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodeɛkurani,

40Yitrini Ira, Yitrini Gereb,

412 Sa 11.3 Hetini Uria, Ahlai ba Sabad,

42Rubenni Sisa ba Adina a ɔyɛ Rubenfoɔ so otitire, na nnipa aduasa ka ne ho;

43Maaka ba Hanan, Mitni Yosafat,

44Asteratni Usia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel,

45Simri ba Yediael ne Tisini Yoha a ɔyɛ ne nua,

46Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, Moabni Yitma,

47Eliel, ne Obed, ne Mesobaini Yaasiel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help