Nnwom 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Amanehunu dwomWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Adekyeeɛ foroteɛ” sankuo nne so. Dawid dwom.

1 Mat 27.46 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me?

Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.

2Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia,

na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.

3Na woyɛ kronkron,

wote w’ahennwa so, na wo na Israel ayeyie nyinaa wɔ woɔ.

4Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toeɛ,

wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.

5 Dwom 25.2-3 Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ,

wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

6 Dwom 69.7; Yes 53.3; Mat 27.39-44 Na me deɛ, meyɛ aboa, na menyɛ onipa,

meyɛ nnipa ahohoradeɛ ne ɔman akyiwadeɛ.

7 Hiob 16.4, 10 Wɔn a wɔhu me nyinaa

di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:

8Dane to AWURADE so, ma no nnye no,

sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!

9 Dwom 71.6 Na wo na woyii me firii me na yam,

metua me na nufoɔ ano no, na womaa me anidasoɔ.

10Mefiri yafunum ara na wɔde me too wo soɔ,

wone me Nyankopɔn firi me na yam.

11Mma me ne wo ntam nnware,

na ahohia abɛn

a ɔboafoɔ bi nni hɔ.

12Anantwinini bebree atwa me ho ahyia,

Basan anantwie akɛseɛ abɔ me ho kɔntɔnkrɔn.

13Wɔtrɛ wɔn anomu kyerɛ me

sɛ gyata a ɔteteɛ na ɔbobom.

14 Luk 22.44 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,

na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so.

M’akoma ayɛ sɛ akraa,

anane wɔ me yam.

15 Yoh 19.28 M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ,

na me tɛkyerɛma afam me dodom,

na wode me ato owuo mfuturo mu.

16 Yoh 20.25 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia,

na wɔbom ba me so,

wɔahwire me nsa ne me nan mu.

17Metumi mekan me nnompe nyinaa,

wɔn deɛ, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.

18 Yoh 19.24 Wɔkyɛ me ntoma mu fa,

na m’atadeɛ so na wɔbɔ ntonto.

19Na wo, AWURADE, ntena akyiri.

M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me.

20 Dwom 35.17 Hwim me kra firi nkrantɛ ano,

m’ade koro no firi akraman nsam.

21Gye me firi gyata anomu,

na ɛkoɔ mmɛn mu na wotie me.

22 Dwom 9.14; Heb 2.12; Yoh 20.17 Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo asafo mu.

23Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ.

Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam,

na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.

24 Dwom 9.12; Heb 5.7 Na wansere na wankyiri

ɔmanehunufoɔ amaneɛ,

na wanyi n’anim anhunta no,

na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.

25 Dwom 116.14 Wo na woma meyi wo ayɛ asafo kɛseɛ mu,

mɛma m’aboadeɛ wɔ, wɔn a wɔsuro no no anim.

26 Dwom 69.32 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee,

wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ.

Mo akoma nnya nkwa daa.

27Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae

adane aba AWURADE nkyɛn,

na amanaman mmusuakuo nyinaa

abɛkoto n’anim.

28Na ahennie wɔ AWURADE,

na ɔdi amanaman so.

29 Flp 2.10 Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no,

wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa,

ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.

30 Yes 53.10 Nkyirimma bɛsom no,

wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu.

31 Dwom 110.3; Yoh 19.30 Wɔbɛba abɛka ne tenenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no,

sɛ ɔno na wayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help