1Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ.
Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ,
obi nni hɔ a ɔyɛ papa.
2 Dwom 33.13 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma,
sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,
obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.
3 Gye 6.12; Rom 3.10-12 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ,
obi nni hɔ a ɔyɛ papa,
ɔbaako mpo nni hɔ.
4 Mika 3.3 Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ,
wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane,
na wɔnsɔre AWURADE?
5Ɛno na wɔn ho popoeɛ,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.
6 Dwom 12.5 Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu
ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.
7Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba?
Da a AWURADE de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no,
Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
