Yesaia 28 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Efraim ne Yuda ho atemmusɛm

1Efraim nsabofoɔ ahantan abotire,

ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue,

kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.

2Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi,

sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ;

ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree

a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.

3Na wɔbɛtiatia

Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so,

4na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam

a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no

ayɛ sɛ borɔdɔmakan a

teɛberɛ nnya nnurui

a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi.

5Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire

ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,

6ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no,

ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.

7Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu

na wɔhinhim wɔ nsaden mu,

ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu.

Nsa amene wɔn,

nsaden nti wɔhinhim,

wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu,

wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.

8Na ɛfeɛ ne efi ayeyɛ

apono nyinaa so ma a ɔkwan biara nni hɔ.

9Hwan na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ,

na hwan nso na ɔbɛma no ate asɛnka aseɛ?

Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ,

wɔn a wɔate wɔn afiri mpokua ano?

10Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara;

ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ;

ɛha kakra, ɛhɔ kakra.

11 1 Ko 14.21 Na apɔtɔfoɔ ano

ne tɛkyerɛma foforɔ

na AWURADE de bɛkasa akyerɛ ɔman yi;

12 Mat 11.28-29 ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ɔhome nie!

momma deɛ wabrɛ nhome!

na ahodwoɔ nie!

nanso wɔampɛ sɛ wɔtie no.

13 Yes 28.10 Enti AWURADE asɛm bɛdane

wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara,

ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ,

ɛha kakra, ɛhɔ kakra,

na wɔahwe ase,

na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn.

Tweaso tiboɔ a ɛyɛ fɛ

14Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ

a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ.

15Na moka sɛ: Yɛne owuo apam,

na yɛne Asamando adi nkasasie;

mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a,

ɛrenka yɛn;

ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea,

na yɛde nnaadaa akata yɛn so.

16 Dwom 118.22; Rom 9.33; 10.11; 1 Pe 2.6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion,

ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ,

tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa,

deɛ ɔgye die no rennwane.

17Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma,

na mede tenenee mayɛ nsania,

na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no,

na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;

18na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam,

na mo ne Asamando nkasasie no rennyina;

mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a,

ɛbɛtiatia mo so;

19 Yes 26.16; Dwom 119.67 mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo,

ɛfiri sɛ daa anɔpa,

awia ne anadwo na ɛbɛtwam;

na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko.

20Na mpa no nware sɛdeɛ obi bɛtene ne mu wɔ soɔ,

ne dabua no nso sɛdeɛ ɔde bɛbua ne soɔ.

21 2 Sa 5.20; 1 Be 14.16 Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no,

na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no,

na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ,

na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no.

22 Yes 10.22-23 Na afei monnni fɛw bio,

na mo nkyehoma no mu anyɛ den.

Na mate ɔsɛeɛ pasaa a wɔasuae ato hɔ,

firi asafo AWURADE Nyankopɔn no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.

AWURADE agyinatuo a ɛyɛ nwanwa

23Monyɛ aso na montie me nne,

monwɛn mo aso ntie m’asɛm.

24Daa nyinaa na ɔfuntumfoɔ funtum sɛ ɔbɛgu n’aba?

Ɔtutu siesie n’asase ani daa anaa?

25Sɛ ɔma ani tae wie a,

ɔgu ɛme, na ɔpete tɛtɛ,

na ɔdua ayuo kyerɛpɛn,

ne atokoɔ nso wɔ n’afa.

Ɛyɛ yei ne afuo no ano?

26Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ,

ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.

27Na ɛnyɛ ayuporeɛ adeɛ na wɔde pore ɛme,

na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so;

na poma na wɔde boro ɛme,

na wɔde abaa boro tɛtɛ.

28Wɔyam paanoo aburoo,

na wɔnna ho mpore no daapem;

na sɛ obi teaseɛnam nan

ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.

29Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire;

n’agyinatuo yɛ nwanwa

na ne nyansa nni ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help