Romafoɔ 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa.

2Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu.

3Rom 9.31-32 Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.

4Mat 5.17; Heb 8.13; Yoh 3.18 Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu.

Nkwagyeɛ wɔ hɔ ma obiara

5 Lew 18.5 Na Mose twerɛ tenenee a ɛfiri mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a ɔdi yei soɔ no bɛnya mu nkwa.

6Deut 30.12-13 Na sɛdeɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu no ka nie: Nka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔbɛforo akɔ soro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛsiane);

7anaasɛ hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛfiri awufoɔ mu aba).

8Deut 30.14 Na mmom ɛse sɛn?

Asɛm no abɛn wo,

w’anomu ne w’akoma mu,

(ɛno ne gyidie asɛm a yɛbɔ no dawuro no).

9Eks 4.5 Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode w’akoma gye di sɛ Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.

10Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu.

11Yes 28.16 Na atwerɛ no se: Obiara a ɔgye no die no ani renwu.

12Aso 10.34; 15.9 Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.

13Yoel 2.32 Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.

14 1 Ti 4.16 Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ deɛ wɔnnye no nnie? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛgye deɛ wɔntee ne ho asɛm no adie? Nanso sɛ ɔsɛnkafoɔ nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛteɛ?

15Yes 52.7 Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa!

16Yes 53.1 Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adie?

17Yoh 17.20 Ɛnneɛ afei na gyidie firi asɛm no tie mu, na otie nam Kristo ho asɛm so ba.

18 Dwom 19.4 Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate,

wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so,

na wɔn nsɛm duruu wiase ano.

19 Deut 32.21 Na mebisa bio sɛ: Israel anhunu? Mose na ɔdi kan ka sɛ:

Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu,

mede ɔman a wɔnnim hwee bɛyi mo abufuo.

20 Yes 65.1 Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ:

Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me,

na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan.

21 Yes 65.2 Na Israelfoɔ ho deɛ, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛɛ me nsam memaa ɔman asoɔdenfoɔ nyiyianofoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help