Yesaia 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Moab ho atemmusɛm

1 Yer 48 Moab ho atemmusɛm.

Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti,

Moab abɔ no,

ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir

Moab abɔ no nti,

2 Hes 7.18 wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon

sorɔnsorɔmmea akɔsu,

Moab retwa adwo,

Nebo ne Medeba;

wɔn nyinaa abobɔ tikwa,

wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔdwesɛ;

3 Yes 22.1 wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so,

na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so,

wɔn nyinaa retwa adwo su pii.

4Na Hesbon ne Eleale team

ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas,

yei nti na Moab akofoɔ team denden;

ne kra ho popo.

5 Yes 16.9-11 M’akoma su ma Moab,

na n’adwanefoɔ kɔduru Soar,

kɔduru Eglat-selisiya.

Na Luhit aforoeɛ no,

wɔde nisuo foro,

na Horonaim kwan mu

wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.

6Na Nimrim asuo no

asɛe pɔtɔɔ,

na ɛserɛ adwan, na wira asa,

wira mono nni hɔ bio.

7Enti adeɛ a wɔanya asie

ne wɔn akoradeɛ no,

wɔsoa kɔtwa

mpampuro subonhwa.

8Na adwotwa no atwa

Moab asase so ahyia,

ne su aduru Eglaim,

ne su nso aduru Beer-elim.

9Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma,

na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho;

gyata bɛba Moab adwanefoɔ

ne asase no so nkaeɛ no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help