1Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Sak 1.14 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu.
3Sak 1.16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.
4Yes 65.20 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nkɔkoraa ne mmerewa bɛda so atenatena Yerusalem mmɔntene so, na onyinkyerɛ nti wɔn mpoma bɛkurakura wɔn nsam.
5Na mmarimaa ne mmaayewa bɛyɛ kuro no mmɔntene so amaama, na wɔagoro emu mmɔntene so.
6Luk 1.37 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.
7Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so,
8Yer 24.7 na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.
9 Yes 35.3 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no anomu da a wɔtoo asafo AWURADE dan no fapem sɛ wɔresi asɔredan no.
10Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie.
11Na afei mente sɛ akane nna no memma ɔman yi nkaeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.
12Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.
13Gye 12.2 Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.
14Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ mo agyanom huruu me boɔ, na medwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na masesa m’adwene no,
15saa ara na mansane madwene nna yi mu sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda fie yie; monnsuro!
16Efe 4.25 Yeinom ne adeɛ a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛ mo ho; nokorɛ ne asomdwoeɛ na momfa mmu atɛn mo nkuro apono mu.
17Sak 7.10 Na mo mu biara nnnwene ne yɔnko ho bɔne n’akoma mu, na mommpɛ atorɔ ntanka, na yeinom nyinaa ne deɛ ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm nie.
18Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
19Sak 7.3, 5; Yer 52.6, 12; 41.1; 52.4 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bosome a ɛtɔ so nnan, nnum, nson ne du mu akɔnkyene bɛyɛ Yuda fie ahosɛpɛ, anigyeɛ ne afahyɛ pa; na nokorɛ ne asomdwoeɛ nko na mompɛ.
20Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛbɛba bio sɛ aman no nkuro pii mufoɔ bɛba,
21na kuro baako mufoɔ akɔ kuro baako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkoto nsrɛ AWURADE, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan! Me nso mɛkɔ.
22Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyiri kwan Yerusalem, na wɔakoto asrɛ AWURADE anim.
23Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.