1Wɔbɛka kyerɛɛ Holoferne, Asiriafoɔ asraafoɔ safohenepanin no sɛ, Israelfoɔ no asiesie wɔn ho ama ɔko na wɔato akwan a ɛdeda bepɔ ho mu, na nkokoɔ atentene no wɔahyɛ hɔ den, na wɔasisi akwansideɛ ahodoɔ wɔ petee no mu hɔ.
2Ɔde abufuo kɛseɛ frɛɛ Moab mmapɔmma ne Amon asahene ne amrado a wɔwɔ mpoano no nyinaa.
3Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ me ɛ, mo Kanaanfoɔ, sɛ nnipa bɛn na wɔtete aman a ɛdeda nkokoɔ so yi? Nkuro bɛn na wɔtete mu? Wɔn asraafoɔ dodoɔ yɛ sɛn, na ɛhefa na wɔnya wɔn tumi ne w’ahoɔden firie? Ɔhene bɛn na ɔdi wɔn so na ɔdi wɔn anim kɔ ɔsa?
4Na ɛdeɛn nti koraa na wɔn a wɔtete apueeɛ fam mu nyinaa no, wɔn nkutoo na wɔamma ammɛhyia me?
Akior Asɛnka5Afei Akior, Amonfoɔ kannifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma me wura ntie amanneɛbɔ yi mfiri n’akoa anomu, na mɛka wo nokwasɛm a ɛfa saa nkurɔfoɔ a wɔtete mmepɔ so mansini a ɛbɛne woɔ no ho. Atorosɛm biara remfiri w’akoa anomu mma.
6Saa nkurɔfoɔ yi yɛ Kaldeafoɔ asefoɔ.
7Ɛberɛ bi no na wɔte Mesopotamia, ɛsiane sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔsɔre wɔn nananom abosom a na ɛwɔ Kaldea.
8Ɛsiane sɛ wɔagya wɔn nananom akwan ato hɔ na wɔsomm ɔsoro Nyankopɔn no, Onyankopɔn a wɔaba abɛhunu no no, wɔn nananom pamoo wɔn firii wɔn abosom no anim. Ɛno nti wɔdwanee kɔɔ Mesopotamia, na wɔatena hɔ mmerɛ tentene nie.
9Gye 11.31—12.5 Ɛnna afei wɔn Nyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri faako a na wɔteteɛ hɔ, na wɔnkɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na wɔtenaeɛ, na wɔkɔɔ so yɛɛ prɔmprɔm wɔ sika ne dwetɛ ne anantwie pii ara mu.
10Gye 42.1-5; Eks 1.7 Ɛberɛ a ɛkɔm baa Kanaan asase nyinaa soɔ no, wɔkɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ mmerɛ tentene a na wɔwɔ aduane no. Ɛhɔ na wɔkɔɔ so yɛɛ ɛdɔm kɛseɛ a na wɔntumi nkane wɔn mpo.
11Eks 1.8-14 Saa nti Misraimhene tanee wɔn ani; ɔfaa wɔn sɛ adufudeɛ maa wɔyɛɛ ntayaa wɔ ɔhyɛ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase de wɔn yɛɛ nkoa.
12Eks 7.1-12; 29.46 Ɛnna wɔsu frɛɛ wɔn Nyankopɔn, na Onyankopɔn de yaredɔm a wɔntumi nsa baa Misraim asase nyinaa so; ɛno nti Misraimfoɔ no pamoo wɔn firii wɔn anim.
13Afei Onyankopɔn maa Mmɛwa Po wee wɔ wɔn anim,
14Eks 14.2-12 na ɔdii wɔn anim twaa Sinai ne Kades-barnea kwan no. Wɔpamoo nkurɔfoɔ a na wɔtete anwea pradada no so,
15na wɔde Amorifoɔ asase yɛɛ wɔn atenaeɛ, na wɔde wɔn ahoɔden sɛee nnipa a wɔte Hesbon no nyinaa; na wɔtwaa mu faa Yordan kɔfaa nkuro a ɛdeda nkokoɔ so no nyinaa.
16Wɔpamoo Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Sekemfoɔ, ne Gergesifoɔ no firii wɔn anim na wɔtenaa hɔ kyɛreeɛ.
17 Deut 28.1-68 Mmerɛ dodoɔ a wɔanyɛ bɔne antia wɔn Nyankopɔn no, wɔdii yie, ɛfiri sɛ Onyankopɔn a ɔkyiri bɔne no ka wɔn ho ntira.
18Nanso sɛ wɔmane firi ɔkwan a wahyɛ ato hɔ ama wɔn no ho a, wɔdii nkoguo bebree wɔ ɔko mu maa wɔfaa wɔn nnommum kɔ ananafoɔ asase so. Na wɔn Nyankopɔn asɔrefie no, wɔdwiri guu fam, na wɔn atamfoɔ de wɔn nkuro yɛɛ wɔn atenaeɛ.
19Na seesei deɛ wɔasane aba wɔn Nyankopɔn hɔ, na wɔafiri mmeammea a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no asane aba, na wɔtena Yerusalem, faako a wɔn kronkronbea wɔ no, na wɔtena nkokoɔ nkuro so, ɛfiri sɛ na obiara nte hɔ.
20Saa nti, me panin ne me wura, sɛ nkurɔfoɔ yi yɛ anifasoɔ bi na wɔyɛ bɔne tia wɔn Nyankopɔn no na sɛ yɛhunu wɔn mfomsoɔ no a, afei na na yɛtumi kɔ wɔn so kɔka wɔn guo.
21Na mmom sɛ wɔnyɛ ɔman a wɔdi fɔ dea a, ɛnneɛ ma me wura nsane wɔn ho nkɔ ɛ; ɛfiri sɛ wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn no bɛbɔ wɔn ho ban, na yɛn na yɛbɛdane asereseredeɛ wɔ wiase nyinaa mu.
22Ɛberɛ a Akior kaa saa wieeɛ no, nnipa a na wɔatwa ntomadan no ho ahyia no nyinaa firii aseɛ nwiinwiiɛ; Holoferne mpanimfoɔ ne wɔn a wɔtete mpoano ne Moab no nyinaa hyɛɛ ketee sɛ wɔntwitwa ne mu asinasini.
23Wɔkaa sɛ: Yɛnsuro Israelfoɔ no; wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔnni ahoɔden anaa tumi biara a wɔde kɔ ɔko.
24Saa nti ma yɛnkɔ wɔn so, Owura Holoferne, na w’asraafoɔ dɔm kokuroo yi bɛmene wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.