1
Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ,
na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.
5
Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn,
na ɔno nko ara na som no.
11C Ɛnna ɔbonsam gyaa no hɔ, na hwɛ, abɔfoɔ ba bɛsomm no.
Yesu kɔ Galilea(Marko 1.14-15; Luka 4.14-15)12 Asuafoɔ baanan bi frɛ(Marko 1.16-20; Luka 5.1-11)
18Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ.
19Mat 13.47; Hes 47.10 Na ɔsee wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.
20Mat 19.27 Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ, bɛdii n’akyi.
21Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn.
22Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi.
Galilea asɛnka ne ayaresa23 Mar 1.39; Luk 4.15; 4.44; Aso 10.38 Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.
24Mar 6.55 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.
25Mar 3.7-8; Luk 6.17-19 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii a wɔfiri Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yuda ne Yordan agya dii n’akyi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
