1 Yes 50.2 Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ,
na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm,
2na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma
mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ,
na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho
a enti ɔntie.
3 Yes 1.15 Na mogya akeka mo nsam,
na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi;
mo ano keka atorosɛm,
mo tɛkyerɛma woro nkontompo.
4Obiara nsaman asɛntenenee so,
na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho.
Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo;
wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.
5Wɔhwane ɔkyerebene nkosua,
na wɔnwono ananse ntentan;
deɛ ɔdi wɔn nkosua wu,
na wɔtia bi so a, ɛpae ahuritia.
6Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ,
na nnipa remfa deɛ wɔyɛ no nkata wɔn ho;
Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma,
na akakabensɛm wɔ wɔn nsam.
7 Rom 3.15-17 Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne,
na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya a ɛdi bem gu;
wɔn adwene yɛ abusudwene,
ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn ho.
8Asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim,
na atɛntenenee nni wɔn akwan mu;
wɔayɛ wɔn akwan nkontonkyi,
obiara a ɔfa soɔ nnim asomdwoeɛ.
9Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ,
na tenenee nso nto yɛn no;
yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie,
ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.
10Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ,
na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani;
yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu,
yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.
11Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire,
na yɛsi apini sɛ mmuburo;
yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ,
ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware.
12Na yɛn mmarato dɔɔso w’anim,
na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn;
na yɛn mmarato da yɛn anim,
na yɛn amumuyɛ nso, yɛnim.
13Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo,
na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi;
yɛkasa nhyɛsoɔ ne atuateɛ kasa,
yɛsusu atorosɛm wɔ akoma mu na yɛka.
14Na wɔadane atemmuo ani,
na tenenee akɔgyina akyirikyiri;
na nokorɛ ahwe ase edwam,
na deɛ ɛtene ntumi mma mu.
15Na nokorɛ ayɛ adeɛ a ɛho yɛ na,
na deɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔfom no fa.
Na AWURADE hunui, na ansɔ n’ani
sɛ atemmuo biara nni hɔ,
16 Yes 63.5 na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ,
na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ;
ɛnna ne basa gyee no,
na ne tenenee wowaa no.
17Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ,
na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti,
na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho,
na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.
18Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu
de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo;
nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.
19Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ,
ne n’animuonyam afiri owia puebea,
na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den
a AWURADE ahum de reba.
20 Yes 1.27; Rom 11.26 Na ɔbɛba sɛ Ɔgyefoɔ ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsane firi mmarato mu no, AWURADE asɛm nie.
21 Yer 1.9 Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.