Sakaria 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nwoma mmobɔeɛ

1Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie.

2Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo, ne tentene basafa du, na ne trɛ basafa nnum.

3Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.

4Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.

Ɔbaa a ɔte susukodoɔ mu

5Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi?

6Mika 6.10 Na mese: Ɛdeɛn nie? Na ɔse: Efa susudeɛ a ɛfiri adie no nie. Na ɔse: Yei ne wɔn ahwɛdeɛ, asase nyinaa so.

7Na hwɛ, wɔmaa sumpii boɔ kurukuruwa bi so, na ɔbaa baako a ɔte efa no mu nie.

8Na ɔse: Abɔnefosɛm nie. Na ɔtoo no twenee efa susudeɛ no mu, na ɔtoo sumpii boɔ no twenee ano.

9Ɛnna memaa m’ani so mehwɛeɛ, na hwɛ, na mmaa baanu refiri adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn deɛ, na wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa efa no faa asase ne ɔsoro ntam.

10Ɛnna mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛhe na yeinom de efa susudeɛ no rekorɔ yi?

11Gye 11.2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔde rekɔ akɔsi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help