Hesekiel 19 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Israel aberempɔn kwadwom

1Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom

2na ka sɛ:

Adɛn na wo na,

gyatabereɛ no butu

agyatanini ntam

yɛne ne mma gyataburuwa mu?

3Na ɔyɛnee ne mma mu baako,

ɔyɛɛ gyataburuwa

na ɔsuaa ahayɔ;

ɔdii nnipa nam,

4 2 Ah 23.30-34 na amanaman tee ne nka,

na wɔkyeree no wɔn amena mu,

na wɔde hwene mu kaa twee no

kɔɔ Misraim asase so.

5Na ne na hunuu sɛ watwɛn,

nanso n’anidasoɔ ayera no,

ɔfaa ne mma mu bi

de no yɛɛ gyataburuwa.

6 2 Ah 24.8-9 Na ɔnenam agyata mu no,

ɔyɛɛ gyataburuwa,

na ɔsuaa ahayɔ;

ɔdii nnipa nam.

7Na ɔhunuu wɔn akunafoɔ,

na ɔbobɔɔ wɔn nkuro,

na ne mmobomu gyegyeegye nti,

asase no ne ne mayɛ sɛee.

8Ɛnna amanaman a wɔfiri nsase soɔ no

ba bɛtwaa ne ho hyiaeɛ,

na wɔde wɔn asau trɛɛ ne so,

wɔkyeree no wɔ wɔn amena mu,

9 2 Ah 24.15 na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no

de no hyɛɛ ebuo mu,

na wɔde no kɔmaa Babel hene,

na wɔde no siee abankɛseɛ mu,

deɛ ɛbɛyɛ na wɔnte ne nne bio wɔ

Israel mmepɔ soɔ.

10 Hes 17.6 Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe

a wɔatɛ no nsuo ho,

nsuo pii nti

n’aba ne ne mman baa yie.

11Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den

na ɛyɛɛ ahemfo mpoma,

na ne kɛseyɛ korɔn

kɔduruu mununkum kusuu ntam,

na wɔhunuu no ne korɔn mu,

ne ne mman dodoɔ mu.

12 Hes 15.4 Na wɔtuu no anibereɛ so

too no hwee fam,

na apueeɛ mframa kusaa n’aba no;

ne mpoma a na ɛyɛ den no

bubui na ɛtwintwamee,

na ogya hyee.

13Na afei wɔatɛ no ɛserɛ so,

asase pɛsɛɛ a ɛdi sukɔm so.

14Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu

ahye n’aba,

na poma a ɛyɛ den

a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio.

Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help