1 Berɛsosɛm 23 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Lewifoɔ som ho nhyehyɛɛ

1 1 Ah 1.28-40 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.

2Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae.

3Na wɔkan Lewifoɔ no, nnipa a wɔadi mfirinhyia aduasa ne akyire no, na wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa nwɔtwe.

4Yeinom mu mpemaduonu nnan na wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no soɔ, na mpemnsia nyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ,

5na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.

6 1 Be 6.16-17 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

7 1 Be 26.21 Gersonfoɔ ne: Ladan ne Simei.

8Ladan mma ne: Otitire Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa.

9Simei mma ne: Selomot ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Yeinom ne Ladan agyanom atitire.

10Na Simei mma ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. Yeinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan.

11Na Yahat ne panin, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔyɛɛ ɔkan mu agya fie baako.

12 1 Be 6.2-3 Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan.

131 Be 6.49; Heb 5.4; Deut 10.8 Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na wɔyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkronkron no ho adeɛ, ɔno ne ne mma nkɔsi daa; sɛ wɔnhye aduhwam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkɔsi daa.

14Deut 33.1 Na wɔbɔɔ Nyankopɔn nipa Mose mma din fraa Lewi abusuakuo no mu.

15Eks 18.3-4 Mose mma ne: Gersom ne Eliesa.

161 Be 26.24 Gersom mma: Sebuel, otitire no.

171 Be 24.21-30 Na Eliesa mma: Rehabia, otitire no. Na Eliesa nni mma foforɔ, na Rehabia mma deɛ, na wɔdɔɔso pii.

18Yishar mma: Selomit ne panin.

19Hebron mma: Yeria ne panin, Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

20Usiel mma: Mika ne panin, na Yisia di hɔ.

21 1 Be 6.19 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasa ne Kis.

22Na Eleasa wui, na ɔnni mmammarima, mmammaa nko ara na na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn.

23Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa.

24Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire.

25Yoel 3.21 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn ama me man ho adwo wɔn, na ɔte Yerusalem daa.

26Na Lewifoɔ no nso ansoa ntomadan no ne ne som ho nnoɔma no biara bio,

27ɛfiri sɛ Dawid nsɛm a ɛdi akyire no mu no, wɔkan Lewi mma no dodoɔ de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ de rekorɔ.

28Na wɔn adwuma ne sɛ wɔhwɛ Aaron mma no nsa ano, sɛ wɔnsom AWURADE fie n’abannwa so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronneɛ no nyinaa ho mfi, na wɔnyɛ Nyankopɔn fie som adwuma,

29na wɔnyɛ kyerɛ paanoo ne esiam, aduane afɔdeɛ ne apiti taterɛ ne dadeɛ ayowa ne akyeduane ho adeɛ, na wɔnhwɛ ɔhyɛ adeɛ ne susuo adeɛ nyinaa so.

30Dwom 92.2 Na wɔnnyina hɔ daa anɔpa nna ase, nyi AWURADE ayɛ, na anwummerɛ nso, saa ara,

31na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim,

32na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help