1Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se:
2Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa.
3Yer 29.14 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum bɛsane aba, AWURADE na ɔseɛ, na mama wɔasane aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabɛdi so.
4Na yeinom ne nsɛm a AWURADE kaa no Israel ne Yuda ho no,
5na sei na AWURADE seɛ:
Yɛate ahopopoɔ nne,
ehu aba, na asomdwoeɛ nni hɔ.
6 Yes 13.8 Mommisa ɛ, na monhwɛ,
sɛ ɔbarima bɛko awoɔ anaa?
Adɛn nti na mehunu mmarima nyinaa
nsa sɛ ɛsisi wɔn asene, sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ,
na obiara anim ayɛ fitaa yi?
7 Yoel 2.11; Sef 1.15 Buei! Ɛda no so
a ebi renyɛ sɛ ɛno,
na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob.
Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa.
8 Yer 27.12 Na ɛbɛba sɛ ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, mɛbubu ne kɔnnua afiri wo kɔn mu, na matete wo nkyehoma, na ananafoɔ renni no nya bio.
9Yer 23.5; Hes 34.23 Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.
10 Yer 46.27; Yes 44.2 Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie,
na mma w’akoma nntu, O Israel,
na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri,
na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so;
na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo
a obiara renyi no hu.
11 Yer 10.24 Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa,
AWURADE asɛm nie;
na mɛma amanaman a mabɔ wo apete
hɔ no nyinaa awie sa,
nso wo deɛ, meremma wonwie sa,
na mɛtwe w’aso atenetene so,
na bem deɛ meremma wonni.
12 Yer 15.8 Na sɛ AWURADE seɛ nie:
Wo kuro aporɔ,
wo pira nni asayɛ.
13Obiara nni hɔ a ɔdi ma woɔ a ɔbɛtoto woɔ,
nnuro ne ntaresoɔ nnoɔma
nni hɔ mma wo.
14W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo,
wɔmmisa w’akyiri kwan.
Na ɔtamfoɔ pira na mapira woɔ,
otirimuɔdenfoɔ asotwe na mede atwe woɔ,
w’amumuyɛ dodoɔ so,
ɛnam sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.
15Adɛn na woteam wo kuro ho
sɛ wo yea nni asayɛ?
W’amumuyɛ dodoɔ, wo bɔne a emu yɛ den
nti na mayɛ wo seyie yi.
16 Yes 33.1 Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu,
na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu,
na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo,
na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.
17 Yer 33.6 Na mɛkyekyere wo kuro,
na masa w’apirakuro,
AWURADE asɛm nie,
ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo “Deɛ wɔapam no,
Sion a obiara mmisa n’akyiri kwan.”
18 Yer 30.3 Sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba,
na me yam ahyehye me ne tenabea ho;
na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ,
na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.
19Na wɔn mu na aseda nnwom
ne agofoɔ nne bɛfirie;
na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua,
na mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔrenyɛ ketewa.
20Na ne mma bɛyɛ sɛ akane no,
na n’asafo no agyina m’anim pintinn, sɛ tete no,
na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔha no nyinaa aso.
21 Yer 30.9 Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu,
na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu,
na mɛma no atwe apini,
na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me?
AWURADE asɛm nie.
22 Yer 24.7 Na mobɛyɛ me ɔman,
na me nso mayɛ mo Onyankopɔn.
23 Yer 23.19 Hwɛ, AWURADE ahum
ne abufuhyeɛ retu,
ahum a ɛdi kyinhyia
ɛbɛsi abɔnefoɔ atifi.
24AWURADE abufuo hyehyeɛ rensane,
gye sɛ ayɛ n’akomam nsusuiɛ ama no atim ansa;
nna a ɛdi akyire no mu
na mobɛte yei aseɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.