Gyenesis 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn frɛ Abram

1 Abram kɔ Misraim

10 Gye 20; 26.1-11 Na ɛkɔm baa asase no so, na Abram siane kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu yɛ den asase no so.

11Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ,

12na sɛ Misraimfoɔ hu wo a, wɔbɛka sɛ: Ne yere nie, na wɔaku me, na wɔama woatena ase.

13Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase.

14Na Abram duruu Misraim no, Misraimfoɔ hunuu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ.

15Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie.

16Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma.

17Dwom 105.14 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie.

18Na Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yerɛ?

19Adɛn nti na wose: Ɔyɛ me nua? Anka meremfa no nware no; na afei, hwɛ wo yere nie, fa no na kɔ wo kwan.

20Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wɔnkɔgya no ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kwan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help