Nnwom 95 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Momma yɛnsɔre AWURADE

1Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE,

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.

2Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,

na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.

3 Dwom 96.4 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ

ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.

4Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ,

na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no.

5Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ,

na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ.

6Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre

AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.

7 Dwom 100.3; Yoh 10.27-28; Heb 3.7; 4.7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,

na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ

ne ne nsam nnwan.

Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!

8Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,

sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,

9 Eks 17.2, 7 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,

na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.

10Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi,

na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn.

Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.

11 Num 14.22-23 Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam,

sɛ wɔrennuru me home mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help