Sakaria 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Lebanon, hinihini w’apono,

na ogya nhye wo ntweneduro no!

2Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam,

ɛfiri sɛ akunini asɛe;

Basan adum, montwa adwo,

na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase.

3Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye,

na wɔn animuonyam asɛe;

agyataburuwa mmobomu gyegye,

na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe.

Odiyifoɔ no nnwanhwɛ adwuma

4Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo

5Yer 23; Hes 13; 34 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.

6Na merennodo asase no sofoɔ ho bio, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahemfo nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obiara mfiri wɔn nsam.

7 Sak 11.11 Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.

8Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.

9Yer 15.2 Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam.

10Na mefaa me poma Adom no mebuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pameeɛ no.

11Sak 11.7 Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.

12Mat 26.15 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛyɛ mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, monnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbena aduasa.

13Mat 27.9-10 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: To twene sikakorabea hɔ, ɛboɔ a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me no ne no. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbena aduasa no meto twenee AWURADE fie sikakorabea hɔ.

14Hes 37.22 Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.

Nnwanhwɛfoɔ huhuo no

15Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sane fa odwanhwɛfoɔ kwasea adeɛ fa!

16Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.

17Odwanhwɛfoɔ hunu a

ɔgya nnwankuo no nnue!

Afena bɛba ne basa

ne n’ani nifa so;

ne basa bɛwu,

na n’ani nifa afira.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help