1 Yes 42.1, 3 Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba,
deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi?
Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu,
na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi?
Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ,
Otumfoɔ a ɔgye nkwa.
2 Adi 19.13 Adɛn na w’aduradeɛ bere sɛɛ,
na wo ntadeɛ te sɛ nsakyi-amena mu tiatiafoɔ deɛ yi?
3 Adi 14.20; Yoel 3.13 Nsa-kyi-amena no, me nko na matiatia mu,
na aman sofoɔ mu biara nka me ho;
na matiatia wɔn so m’abufuo mu,
na mewɔɔ wɔn m’abufuhyeɛ mu,
na wɔn mogya abɔ apete me ntadeɛ mu,
na akeka m’aduradeɛ nyinaa mu.
4 Yes 13.9; 34.8; 61.2 Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu,
na me gyeɛ afe no aba.
5 Yes 59.16 Na mehwɛe, nso na ɔboafoɔ biara nni hɔ;
na ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔsɔ mu abia;
enti me ankasa me basa gyee me,
na m’abufuhyeɛ nso sɔɔ me mu abia.
6 Yes 51.17 Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu,
na memaa wɔboboroe,
m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam.
Nyankopɔn dɔ a ɔdɔ ne man7Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa,
AWURADE ayeyi no,
sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa,
na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no,
sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ
ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no.
8 Deut 33.5, 20 Na ɔse: Me man ara ne wɔn,
mma a wɔrenni atorɔ,
na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.
9 Eks 23.14-15 Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no,
na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn;
ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn,
na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.
10Na wɔn deɛ, wɔtee atua
na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea,
enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ,
na ɔno ara ne wɔn dii ako.
11 Eks 14.30 Ɛnna ɔkaee tete nna
n’akoa Mose berɛ so:
Ɛhe na deɛ ɔyii
nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ?
Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron
sii wɔn mu no wɔ?
12Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no
dii Mose nifa,
deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim
de gyee daa din faeɛ no?
13Deɛ ɔmaa wɔfaa ebunu mu
sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea pradada so
na wɔanwatire no?
14AWURADE honhom maa wɔhomee
sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu.
Saa na wokyerɛɛ wo man kwan
de gyee animuonyam din faeɛ.
Mmɔborɔhunu ne mmoa ho adesrɛ15Brɛ w’ani ase firi soro,
na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ.
Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ?
W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no
afiri me ho.
16 Deut 32.6 Na wo ara wone yɛn Agya;
na Abraham nnim yɛn,
na Israel nhu yɛn:
Wo, AWURADE ara ne yɛn Agya,
wo din ne yɛn Gyefoɔ, firi tete nteredee.
17O AWURADE, adɛn nti na woma yɛfiri wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ,
na wopirim yɛn akoma na yɛansuro woɔ?
Sane bra, wo nkoa nti,
w’agyapadeɛ mmusuakuo no nti.
18 Dwom 79.1 Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi;
yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.
19Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da;
sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.