1Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere
hwehwɛ nsuwa no,
sɛ me kra pere hwehwɛ wo,
Onyankopɔn, ne no.
2 Dwom 84.2 Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra.
Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim?
3 Dwom 79.10 Me nisuo ayɛ me aduane
awia ne anadwo,
sɛ wɔse me daa sɛ:
Wo Nyankopɔn wɔ he?
4 Dwom 27.4 Mekae yeinom,
na mehwie me kra wɔ me mu,
sɛdeɛ me ne asafokuo
nante kɔɔ Nyankopɔn fie,
na me ne nkurɔfoɔ a wɔnam yuu hyɛ fa no
de ayeyie ne aseda nnwom kɔeɛ no.
5 Dwom 42.11; 43.5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,
na wosi me mu apini?
Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ,
sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ
6ne me Nyankopɔn.
Me kra aboto wɔ me mu,
enti mekae wo,
Yordan ne Hermon mmepɔ asase so,
Misar bepɔ so.
7 Dwom 88.7 Ebunu frɛ ebunu,
wo nsuo a ɛworo guo no gyegyeegye no mu,
w’asorɔkyeɛ ne wo aworɔ nyinaa
abu afa me so.
8Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi,
na anadwo mato no dwom
mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.
9 Deut 32.4; Dwom 43.2 Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ:
Adɛn nti na wo werɛ afiri me?
Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti
memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?
10Ahohora a m’ahohiahiafoɔ bɔ me no
yɛ me sɛ me nnompe redwerɛ,
sɛ daa wɔbisa me sɛ:
Wo Nyankopɔn wɔ he?
11 Dwom 42.5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,
na wosi apini wɔ me mu?
Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ,
sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
