1 Samuel 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hana ayeyie dwom

1 Luk 1.46-55 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ:

M’akoma di AWURADE mu ahurisie,

AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ;

M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so,

ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

2Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE,

na obiara nni w’akyi,

na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

3Monnkasa ahantan kasa bebree saa,

mommma asɛm denden mmfiri mo anomu,

na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa,

na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.

4Ahoɔdenfoɔ tadua bubu,

na mmerɛfoɔ deɛ, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

5Wɔn a wɔmee kɔdi aduane ho paa,

na pititɔfoɔ kɔm gu;

Obonini mpo awo nson,

na deɛ ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafoɔ.

6 Deut 32.39 AWURADE na ɔkum, na ɔma nkwa;

ɔma wɔsiane kɔ Asamando, na ɔma wɔforo firi adi.

7 Dwom 75.7 AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yie;

ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.

8 Dwom 113.7-8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,

na ɔma ohiani so firi sumina so,

sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu,

na wama no anya animuonyam adwa so atena.

Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea,

na ɔde wiase asi so.

9 Dwom 33.16 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so,

na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu;

na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

10 Dwom 132.17 AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa,

na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so.

AWURADE bɛbu asase ano atɛn;

ɔde ahoɔden bɛma ne hene,

na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.

Samuel wɔ AWURADE fie

11Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim.

12Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

13Eks 27.3 Na asɔfoɔ adeɛ a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔdeɛ a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ aba, na ɔkura adinam a ano mmiɛnsa,

14na ɔde abɛbɔ dadesɛn anaa ahina anaa ɛkyeɛ dadeɛ anaa kukuo no mu, na deɛ adinam no de bɛba nyinaa na ɔsɔfoɔ no afa; saa ara na na wɔyɛ Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa.

15Lew 3.3-5 Nso wɔnnya nhyee sradeɛ no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ abɛka akyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfoɔ; na ɔnnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom mono.

16Na sɛ ɔka sɛ: Ma wɔnhye sradeɛ no nwie ansa na woafa dodoɔ biara a wopɛ a, ɔsomfoɔ no ka sɛ: Dabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ɔhyɛ so.

17Enti mmeranteɛ no bɔne yɛɛ kɛse, AWURADE anim, ɛfiri sɛ nnipa no buu AWURADE aduane afɔdeɛ no animtia.

18Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.

19Na ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde kɔma no daa afe a ɔne ne kunu rekɔbɔ daa afe afɔdeɛ no.

20Na Eli hyira Elkana ne ne yere sɛ: AWURADE mma w’asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu nsi akyɛdeɛ a ɔde ama AWURADE yi ananmu. Afei, wɔsim kɔ wɔn kurom.

21 Luk 1.80 Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.

Eli mma no

22 Eks 38.8 Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da.

23Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modi saa nsɛm yi? Na mete mo nsɛmmɔne yi firi ɔman yi nyinaa anomu.

24Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na meteɛ yi; momma AWURADE man no fom.

25Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.

26 Luk 2.52 Na abɔfra Samuel no kɔɔ so ara nyiniiɛ, na ɔnyaa anisɔ, AWURADE ne nnipa anim.

27Na Nyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ me ho adi na meyi mekyerɛɛ w’agya fie berɛ a wɔwɔ Misraim, Farao fie no,

28Num 18.8 na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.

29Aso 9.5 Adɛn nti na motiatia me kum afɔdeɛ ne m’aduane afɔdeɛ a mahyɛ sɛ wɔmmɔ no me tenabea no soɔ, na wodi wo mma ni sene me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛdeɛ nyinaa mu adeɛ a ɛdi kan yɛ mo ho yie?

30Eks 28.1 Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.

31Hwɛ, nna bi reba a mɛtwa wo basa ne w’agya fie basa, na akɔkoraa bi renka wo fie.

32Na sɛ wohunu yie a Onyankopɔn bɛyɛ Israel no nyinaa a, ɛbɛma wo ho ahiahia wo wɔ me tenabea hɔ, ɛfiri sɛ akɔkoraa bi renka wo fie da biara da.

331 Sa 22.20 Nanso meremma onipa mmɔ wo m’afɔrebukyia ho, na wama w’ani ayɛ samoo na wahyɛ wo kra awerɛhoɔ; na wo fie dodoɔ bɛwuwu wɔn mmeranteberɛ mu.

341 Sa 4.11 Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo.

35Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.

36Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo buprɛko madi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help