1 1 Ah 15.11-12 Na Abia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu, na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so na asase no so dwoo mfeɛ du.
2Na Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene AWURADE ne Nyankopɔn ani so,
3na ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia ne sorɔnsorɔmmea no, na ɔdwirii adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no gui.
4Na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔnni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ no so.
5Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.
62 Be 15.15 Na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den Yuda, ɛfiri sɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko biara mfeɛ no mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa no ɔhome.
7Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekyere nkuro yi, na yɛmfa ɔfasuo ne aban atentene, apono ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyeree, na ɛsii wɔn yie.
8Na Asa wɔ dɔm a wɔkura akyɛm ne mpea mu, Yuda mu nnipa mpemahasa ne Benyamin mu nnipa a wɔkura akyɛm mu na wɔkuntunu tadua, mpemahanu aduɔwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko.
Asa di Etiopiafoɔ so nkonim9Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.
10Na Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔbaee wɔn mpasua mu wɔ Sefata bonhwa mu, Maresa ho.
111 Sa 14.6 Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.
12Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafoɔ no guiɛ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwanee.
13Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tii wɔn kɔduruu Gerar. Na Etiopiafoɔ mu nnipa totɔe ara kɔsii sɛ wɔsaeɛ, na wɔdwerɛɛ wɔn pasaa, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asadeɛ bebree pa ara.
14Na wɔsɛee nkuro a ɛtwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kutaa wɔn. Na wɔfom nkuro no nyinaa, na na asadeɛ pii wɔ mu.
15Na wɔsɛee mmoakuo ntomadan nso, na wɔfaa nnwan pii ne yoma kɔe, na wɔsane baa Yerusalem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
