1Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.
2Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na wɔduruu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.
3Na Elimelek, Naomi kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no.
4Na wɔwaree yerenom Moabfoɔ mu, ɔbaako din de Orpa, na ɔbaako din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du.
5Na wɔn baanu no, Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbaa no (Naomi) nko, ne mma baanu no ne ne kunu wuo no akyi.
Naomi ne n’ase sane kɔ Betlehem6Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane.
7Na ɔfirii deɛ ɔwɔ hɔ, na ne nsenom baanu no ka ne ho. Na wɔsii kwan so sɛ wɔresane aba Yuda asase so.
8Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. AWURADE ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ no ne me adi no yi.
9
na momfrɛ me Mara,
ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!
21Mekɔɔ no ma,
na AWURADE de me hunu na aba.
Adɛn na mofrɛ me Naomi,
na AWURADE abua me atɛn,
na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?
22Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut sane firii Moab asase so baeɛ nie. Na wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri atokoɔ twa ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
