Yosua 19 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Asase no kyekyɛ

1Na ntonto a ɛtɔ so mmienu no ba maa Simeon, Simeonfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn agyapadeɛ da Yuda mma agyapadeɛ ntam.

2Na deɛ wɔnyaa no wɔn agyapadeɛ mu ne Beer-seba, Seba, Molada,

3Hasar-sual, Bala, Asem,

4Eltolad, Betul, Horma,

5Siklag, Bet-markabot, Hasar-susa,

6Bet-lebaot ne Saruhen: Nkuro dummiɛnsa ne ɛho nkuraa.

7Ain, Rimon, Eter ne Asan: Nkuro nnan ne ɛho nkuraa;

8ne nkuraa a ɛdeda nkuro yi ho hyia de kɔsi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda Negeb. Yei ne Simeon mma abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

9Yudafoɔ kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfoɔ agyapadeɛ, ɛfiri sɛ Yudafoɔ kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfoɔ nyaa agyapadeɛ wɔn agyapadeɛ no mu.

10Na tonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no ba maa Sebulon sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ kɔduruu Sarid.

11Na wɔn hyeɛ no foro kɔ atɔeɛ wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subonhwa a ɛwɔ Yokneam apueeɛ fam no ano.

12Na ɛsane firi Sarid kɔ anim owiapueeɛ de kɔ Kislot-tabor hyeɛ so na ɛfiri adi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.

13Na ɛfiri hɔ twam kɔ apueeɛ de kɔ Gat-hefer, Et-kasin, na ɛfiri Rimon a ɛhima de kɔ Nea.

14Na ɛhyeɛ no konton kɔ atifi fam de kɔ Hanaton, na ano kɔduru Yifta-el bonhwa no mu;

15Ate 1.30 ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa.

16Yei ne Sebulon mma agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

17Ntonto a ɛtɔ so nnan no ba maa Isakar, Isakarfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

182 Ah 4.8 Na wɔn hyeɛ kɔɔ Yesreel, Kesulot, Sunem,

19Hafraim, Sihon, Anaharat,

20Rabit, Kision, Abes,

21Remet, En-ganim, En-hada ne Bet-pases.

22Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.

23Yei ne Isakarfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

24Na ntonto a ɛtɔ so nnum no ba maa Aserfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25Na wɔn hyeɛ ne Helkat, Hali, Beten, Aksaf,

26Alamelek, Amad, ne Misal na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔeɛ, ne Sihor-libnat.

27Na ɛsane kɔ owiapueeɛ de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bonhwa mu, Bet-emek ne Neiel atifi fam, na ɛfiri adi kɔ Kabul atifi fam,

28Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana de kɔsi Sidon Kɛseɛ.

29Yos 15.44; Ate 1.31 Na ɛhyeɛ no dane kɔ Rama kɔduru kuro denden Tiro, na ɛhyeɛ no dane kɔ Hosa, na ano kɔpem ɛpo no Aksib fam,

30ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkuro aduonu mmienu ne ɛho nkuraa.

31Ɛno ne Aserfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

32Naftalifoɔ na ntonto a ɛtɔ so nsia no ba maa wɔn, Naftalifoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

33Na wɔn hyeɛ firi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan.

34Na ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ wɔ Asnot-tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon anafoɔ fam, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ apueeɛ, Yordan ano.

35Na nkuro a wɔatoto ho afasuo nie: Sidim, Ser, Hamat, Rakat, Kineret,

36Adama, Rama, Hasor,

37Kedes, Edrei, En-hasor,

38Ate 1.33 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-anat ne Bet-semes: Nkuro dunkron ne ɛho nkuraa.

39Yei ne Naftalifoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

40Dan mma abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ na ntonto a ɛtɔ so nson no ba maa wɔn.

41Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne: Sora, Estaol, Ir-semes,

42Ate 1.35 Saalabin, Ayalon, Yitla,

43Elon, Timna, Ekron,

44Elteke, Gibeton, Baalat,

45Yehud, Bene-berak, Gat-rimon,

46Yona 1.3 Me-yarkon, Rakon, ɛne Yafo anim hyeɛ no.

47Ate 18.27, 29 Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ.

48Ɛno ne Danfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

49Na wɔwiee asase no mu kyɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ no teɛ no, Israelfoɔ maa Nun ba Yosua agyapadeɛ wɔ wɔn mu,

50Yos 24.30 AWURADE anomu asɛm so na wɔmaa no kuro a ɔbisaeɛ no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔ soɔ, na ɔkyekyeree kuro no tenaa mu.

51 Yos 14.1; 18.1 Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help