1Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.
2Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Sora a ɔfiri Danfoɔ abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonini, na ɔnwo.
3Na AWURADE bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonini na wonwo, nanso wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima.
4Num 6.3; Lew 11 Na afei hwɛ yie, na nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ.
5Num 6.2-5; 1 Sa 1.11 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.
6Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.
7Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.
8Na Manoa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: O AWURADE, ma Nyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a wɔrebɛwo no no.
9Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Nyankopɔn bɔfoɔ no baa ɔbaa no nkyɛn bio, na ɔwɔ afuo mu a ne kunu Manoa nka ne ho.
10Na ɔbaa no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abɛyi ne ho adi akyerɛ me.
11Na Manoa sɔre dii ne yere no akyi na ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone ɔbarima a wo ne ɔbaa no kasaeɛ no?
12Na ɔse: Mene no. Na Manoa kaa sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdeɛn ne abɔfra no ahyɛdeɛ na ɛdeɛn na ɔnyɛ?
13Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Deɛ mesee ɔbaa no nyinaa ho na ɔnhwɛ yie.
14Ate 13.4 Ɔnnni adeɛ biara a ɛfiri bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na adeɛ biara a ɛho nteɛ nso, ɔnnni; deɛ mahyɛ no nyinaa, ɔnni so.
15 Ate 6.18 Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Ma yɛnsianka wo na yɛnsiesie abirekyie ba bi mma wo ansa.
16Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wosianka me mpo a, merenni w’aduane no bi. Na sɛ wobɛbɔ hyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfoɔ.
17Gye 32.29 Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Wo din de sɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam.
18Na AWURADE bɔfoɔ no see no sɛ: Adɛn na worebisa me din a ɛyɛ nwanwa yi?
19Ate 6.21 Na Manoa faa abirekyie ba ne aduane afɔdeɛ na ɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔbotan no so maa AWURADE. Na ɔbɔfoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ, na Manoa ne ne yere hwɛe.
20Na ogyaframa no resɔre afiri afɔrebukyia no so akɔ soro no, AWURADE bɔfoɔ no foro faa afɔrebukyia no so gyaframa no mu kɔɔ soro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.
21Na AWURADE bɔfoɔ no ammɛyi ne ho adi ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ.
22Ate 6.22-23; Eks 33.20 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi.
23Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka wannye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na anka wanyi yeinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte saa yi saa berɛ yi.
24Na ɔbaa no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samson. Na abɔfra no nyinii, na AWURADE hyiraa no.
25Ate 6.34; 14.6, 19; 15.14 Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.