Lewitikɔs 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Asoɔden ho asotwe

1 Lew 18 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Obiara a ɔfiri Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel mu no mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, kum na wɔnku no; asase no sofoɔ nsi no aboɔ.

3Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.

4Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofoɔ no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔanku no a,

5me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.

6 Lew 19.31 Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.

7 Lew 19.2 Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8Lew 19.37 Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9 Eks 21.17 Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.

10 Eks 20.14; Yoh 8.5 Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe awadeɛ no, kum na wɔnkum ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no.

11Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.

12Na ɔbarima a ɔne n’ase a ɔyɛ ne ba yere da no, kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya gu wɔn atifi.

13Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

14Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusudeɛ. Wɔmfa ogya nhye ɔno ne wɔn nyinaa, na abusudeɛ antena mo mu.

15Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, kum na wɔnku no, na aboa no nso monku no.

16Na ɔbaa a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbaa no ne aboa no; kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

17Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo.

18Na ɔbarima a ɔne ɔbaa a wabu ne nsa da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu.

19Na nyi wo na nuabaa anaa w’agya nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ wayi ne bogya adagya so; wɔnsoa wɔn mmusuo.

20Na ɔbarima a ɔne n’agya nua yere da, wayi n’agya nua adagya so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu.

21Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ; wayi ne nua adagya so, wɔrennya ɔba.

22Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu.

23Na mommfa aman a merebɛtu wɔn mo anim ho ahyɛdeɛ so; na wɔayɛ yeinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwunu;

24na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.

25Lew 11 Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi.

26Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ.

27 Eks 22.18 Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help