1 ɛwɔ Yordan agya nohoa.
12Gye 49.29 Na ne mma yɛɛ no sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no.
13Gye 23.16 Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu.
14Na Yosef siee n’agya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔsiee n’agya no nyinaa sane baa Misraim.
Yosef ma ne nuanom awerɛhyɛmu15Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.
16Na wɔmaa wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya hyɛe ansa na ɔrewuo sɛ:
17Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui.
18Na ne nuanom nso ba bɛtwa hwee n’anim kaa sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa.
19Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa?
20Gye 45.5; Yes 28.29 Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.
21Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.
Yosef wuo22Na Yosef ne n’agya fiefoɔ tenaa Misraim, na Yosef dii mfirinhyia ɔha ne du.
23 Gye 30.3 Na Yosef hunuu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.
24 Heb 11.22 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.
25 Eks 13.19; Yos 24.32 Na Yosef maa Israel mma kaa ntam na ɔkaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ.
26Na Yosef wui, berɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ ne mu aduro, na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
