Mateo 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Anyansafoɔ no

1 no.

5Mika 5.1; Yoh 7.42 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ:

6Na wo Betlehem, Yuda asase,

wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa,

ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene

a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.

7Ɛnna Herode frɛɛ anyansafoɔ no kokoam, bisaa wɔn berɛ ko a nsoromma no firiiɛ no yie.

8Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abɔfra no yie; na sɛ monya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkoto no bi.

9Na wɔtiee ɔhene asɛm no wieeɛ no, wɔsii mu kɔe; na hwɛ, nsoromma a wɔhunuu no Apueeɛ no dii wɔn anim ara de kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra no wɔ no atifi.

10Na wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee kɛseɛ pa ara.

11Dwom 72.10; 72.15; Yes 60.6 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.

12Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Wɔdwane kɔ Misraim

13Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no.

14Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na anadwo, na ɔfirii hɔ kɔɔ Misraim,

15Hos 11.1 na ɔwɔ hɔ ara kɔsii sɛ Herode wuiɛ; na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afiri Misraim.

Wɔkunkum mmɔfra wɔ Betlehem

16Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.

17Yer 31.15 Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ:

18 Gye 35.19 Wɔtee nne bi Rama,

esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ;

Rahel resu ne mma,

na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,

ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

Wɔfiri Misraim sane ba

19Na Herode wuiɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Yosef daeɛ mu wɔ Misraim

20Eks 4.19 sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a na wɔhwehwɛ abɔfra no akum no no awu.

21Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so.

22Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.

23Luk 1.26; 2.39; Yoh 1.46; Yes 11.1; 53.2 Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help