Luka NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMULuka Asɛmpa no ma yɛhunu Yesu sɛ Israel Agyenkwa ne adasamma nyinaa Agyenkwa a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Luka atwerɛ sɛ, Awurade Honhom afrɛ Yesu sɛ “ɔmmɛka asɛmpa no nkyerɛ ahiafoɔ” (4.18), na deɛ ahyɛ Asɛmpa no mu ma ne adwempa a ɛwɔ hɔ ma wɔn a biribi ahodoɔ ho hia wɔn. Anigyeɛ nsɛm yɛ adeɛ a ɛdi akotene wɔ Luka Asɛmpa no mu, ne titire wɔ ti a ɛhyɛ aseɛ a ɛbɔ Yesu ba ho kaseɛ, na ɛkɔwie wɔ Yesu sorokorɔ ho. Ɔtwerɛfoɔ yi ka nsɛm a ɔka faa Kristosom gyidie trɛ ne ne nyini wɔ Yesu sorokorɔ akyi wɔ Asomafoɔ No Nnwuma nwoma mu saa ara.Afa mmienu na ɛwɔ hɔ (Ti 1-2 ne 9-19), na ɛkura nsɛm bi a, nwoma yi mu nkutoo na wɔhunu, a ebi te sɛ abɔfoɔ nnwom a wɔtoeɛ ne nnwanhwɛfoɔ no nsra a wɔkɔsraa Yesu berɛ a wɔwoo no no, abarimaa Yesu kɔɔ Asɔrefie, mfatoho asɛm a ɔka faa Samariani pa no ho, ne ɔba hohwini no. Asɛmpa no mu baabiara, wɔsi mpaebɔ, Honhom Kronkron, mmaa kyɛfa wɔ Yesu som adwuma mu, ne Onyankopɔn bɔne fakyɛ so dua.EMU NSƐMNhyɛnmu 1.1-4Osuboni Yohane som adwuma 3.1-20Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ 3.21—4.13Yesu som adwuma wɔ Galilea abɔntene so 4.14—9.50Ɔfiri Galilea rekɔ Yerusalem 9.51—19.27Nnawɔtwe a ɛtwa toɔ wɔ Yerusalem ne nkuro a ɛbɛn hɔ 19.28—23.56Awurade wusɔreɛ, n’ahoyie, ne ne sorokorɔ no 24.1-53
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help