Yoel NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUOdiyifoɔ Yoel ho asɛm a wɔnim no sua koraa, na mpo wɔntumi nhu berɛ pɔtee a ɔde tenaa asase yi so. Nanso ɛbɛtumi aba sɛ ne nwoma yi bae wɔ mfeɛ ahanan no mu ansa na wɔrewo Kristo (B.C.). Saa berɛ no na Persiafoɔ na ɛkura wiase tumi. Yoel de ntutummɛ adesɛe ne osukɔm denden a ɛsɛe adeɛ too dwa wɔ Palestina asase so. Saa nneyɛɛ yi mu no, odiyifoɔ no hunuu sɛ Onyankopɔn da no reba, berɛ a ɔrebɛtwe asowuifoɔ a wɔsi ne pɛ kronkron no kwan no aso.Odiyifoɔ no de Onyankopɔn frɛ brɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na bɔhyɛ nsɛm a nhyira wɔ mu bɛba wɔn so. Adeɛ titire a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne bɔhyɛ a Onyankopɔn hyɛe a ɛka sɛ: Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ … (2.28).EMU NSƐMNtutummɛ no adesɛe 1.1—2.17Bɔhyɛ nsɛm a ɛde nsiesie ba 2.18-27Onyankopɔn da no 2.28—3.21