1 1 Be 26.1 Sɛdeɛ wo tenabea hɔnom si yɛ fɛ,
asafo AWURADE.
2 Dwom 42.2, 4 Me kra ani gyina, ɛtɔ piti mpo,
AWURADE adihɔ no nti,
m’akoma ne me honam di ahurisie
ma Onyankopɔn teasefoɔ.
3 Dwom 5.2 Nso apatuprɛ anya ɛdan,
na asomfenakatakyi anya ebuo
a ɔbɛto ne mma agu mu,
ɛne w’afɔrebukyia no, asafo AWURADE,
me Hene ne me Nyankopɔn.
4 Dwom 65.4 Nhyira ne wɔn a wɔte wo fie,
wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ.
5Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu,
na Sion atempɔn no wɔ n’akomam.
6Wɔtwam nisuo bɔn no mu a,
wɔdanedane no deɛ mmasuo wɔ,
bereamporɔsuo nso de nhyira pii kata so.
7Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu
bɛpue Nyankopɔn anim, Sion.
8AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ,
yɛ aso, Yakob Nyankopɔn!
9 Dwom 72.15 Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ,
na hwɛ deɛ woasra no no anim.
10 Dwom 27.4 Na wo fie dakorodie yɛ
sene nna apem.
Mepɛ me Nyankopɔn fie nammɔnnampan mu tena mmom
sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.
11 Dwom 3.3; 34.10 Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn.
AWURADE ma adom ne animuonyam,
ɔmfa papa nkame
wɔn a wɔnam tee no.
12Asafo AWURADE, nhyira ne onipa
a ɔde ne ho to wo soɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
