Tobit 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Abusua afahyɛ bi

1Na Esar-hadon ahennie berɛ soɔ no, mesane kɔɔ fie, na wɔde me yere ne me babarima Tobias sane maa me. Yɛn afahyɛ Pentekoste a ɛyɛ nnawɔtwe nson afahyɛ kronkron mu no, wɔnoaa aduane pa maa me na metenaa ase sɛ meredidi.

2Ɛberɛ a wɔtoo me pono na wɔde aduane a ɛdɔɔso saa bɛsii m’anim no, meka kyerɛɛ me ba Tobias sɛ: Me ba, kɔfa mmɔborɔni biara a wobɛhu no wɔ yɛn nkurɔfoɔ a wɔka nnommumfoɔ ho wɔ Ninewe a ɔde n’akoma nyinaa dwene Awurade ho bra, na ɔne me mmɛdidi. Mɛtwɛn wo kɔsi sɛ wobɛsan aba.

3Ɛno nti Tobias kɔeɛ kɔhwehwɛɛ ohiani bi wɔ yɛn nkurɔfoɔ mu. Ɛberɛ a ɔsane baeɛ no, ɔbɛkaa sɛ: Agya! Na megyee so sɛ: Menie, me ba. Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: Agya, hwɛ, wɔaku yɛn nkurɔfoɔ no mu baako ato no atwene edwa so hɔ, ɔda hɔ seesei ara a wɔaku no.

4Saa nti, mesɔre gyinaeɛ, na mesɔre firii aduane no ho a manka anhwɛ mpo, na mefaa efunu no de kɔtoo adan no baako mu kɔsi sɛ owia bɛtɔ na makɔsie no.

5Mesan baeɛ no, mehohoroo me ho na mede awerɛhoɔ dii aduane no.

6Amos 8.10 Ɛnna mekaee Amos nkɔmhyɛ no, sɛdeɛ ɔkasa tiaa Betel sɛ:

Mo nnapɔnna bɛdane esu,

na mo nnwom nyinaa ayɛ kwadwom.

Na mesuiɛ.

Tobit anifira

7Na owia kɔtɔeɛ no, mekɔbɔɔ amena na mesiee efunu no.

8Na me fipamfoɔ seree me kaa sɛ: Enti ɔda so ara nsuro? Wɔrehwehwɛ no dada aku no sɛ ɔreyɛ yei, na ɔdwaneeɛ; hwɛ, ɛnna ɔda so ara resie efunu no!

9Saa anadwo no ara mehohoroo me ho na mekɔɔ adihɔ fasuo no ho kɔdaeɛ; na ɛsiane ahuhuro nti mankata m’anim.

10Na mennim sɛ mpatuprɛ wɔ ɔfasuo no so; na wɔn agyanan foforɔ guu m’ani so na ɛyɛɛ so fitaa. Mekɔɔ aduruyɛfoɔ nkyɛn sɛ wɔnsa me yadeɛ, nanso mprɛ dodoɔ a wɔde aduro ka me no, na ade fitaa no yɛ m’ani so wantann de kɔsii sɛ m’ani no firaeɛ koraa. Na mfeɛ nan na mentumi nhunu hwee. M’asɛm yi yɛɛ m’abusuafoɔ nyinaa ya, na Ahikar hwɛɛ me ara mfeɛ mmienu ansa na ɔkɔɔ Elimais.

Tobit yere yɛ adwuma de hwɛ fie

11Saa berɛ no nso, me yere Anna nyaa sika firii mmaa dwumadie mu.

12Na ɔtaa de nnoɔma a wayɛ no kɔma ne wuranom na wɔatua no ka. Da bi, bosome Distruse da a ɛtɔ so nson no, ɔtwaa ntoma a wanwono no bi kɔmaa ne wuranom. Wɔtuaa no ka nyinaa na wɔsane kyɛɛ no abirekyie ba bi sɛ ɔnkɔkum nni.

13Ɛberɛ a ɔsane baa me nkyɛn no, abirekyie no firii aseɛ sui. Ɛno nti mefrɛɛ no kaa sɛ: Ɛhe na wonyaa abirekyie ba yi firiiɛ? Ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ korɔnodeɛ, ɛnte saa? San fa kɔ ma ne wuranom; ɛsiane sɛ ɛnyɛ sɛ wɔdi adeɛ a ɛyɛ korɔno adeɛ.

14Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ akyɛdeɛ a wɔde kaa m’akatua ho maa me. Nanso mannye no anni, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mfa nkɔma ne wuranom. Me bo fuu no ɛsiane yei nti. Ɛnna ɔbuaa me sɛ: W’adɔeɛ nnwuma no wɔ he? Wo tenenee nnwuma no wɔ he? Wɔnnim saa nnoɔma yi fa wo ho!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help