1Afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu mmienu no, kasa bi kɔɔ so wɔ Nebukadnessar a ɔyɛ Asiriafoɔ hene no ahemfie, ɛfa were a ɔbɛtɔ wɔ aman a ɛwɔ mantam hɔ no so, sɛdeɛ ɔkaeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.
2Ɔfrɛɛ n’asoafoɔ ne n’aberempɔn nyinaa na ɔde ne kokoam pɔ too wɔn anim, na ɔno ara de n’ano too mu kaa amumuyɛ a ɛwɔ mantam hɔ nyinaa.
3Na wɔsii agyinaeɛ sɛ, obiara a wɔanni ɔhene anomu asɛm soɔ no, wɔnku no.
4Ɛberɛ a Nebukadnessar, Asiriafoɔ hene wiee ne nhyehyɛɛ no, ɔfrɛɛ Holoferne, n’asafohene panin a sɛ ɔhene nni hɔ a ɔno na ɔhwɛ akyire no na ɔka kyerɛɛ no sɛ:
5Sei na Ɔhene Kɛseɛ no, asase nyinaa so wura no seɛ: Firi m’anim ha na kɔfa mmarima a wogye di sɛ wɔn ho yɛ den, asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem ɔha ne aduonu, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu.
6Kɔto hyɛ aman a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu no nyinaa so, ɛsiane sɛ wɔanni m’anom asɛm so.
7Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsiesie asase ne nsuo, ɛfiri sɛ mede m’abufuhyeɛ na ɛreba wɔn so, na mede m’asraafoɔ dɔm anan bɛkata asase ani, na mede wɔn bɛhyɛ m’asraafoɔ nsa na wɔafom wɔn afa.
8Wɔn apirafoɔ no bɛhyɛ abɔn ne mmɔnhwa amaama, na wɔn afunu ahyɛ asubɔntene a ayire amaama.
9Na mɛdi wɔn anim nnommum mu akɔ asase ano nyinaa.
10Mobɛdi kan akɔgye amantoɔ no nyinaa ama me ansa. Wɔbɛgyaa wɔn ho ama mo, na moakora wɔn so ama me de akɔsi wɔn asotwe da no.
11Nanso sɛ wɔsi mo kwan a, monhu wɔn mmɔbɔ, na mmom momfa wɔn mma okum ne fomfa wɔ mantam no nyinaa mu hɔ.
12Na sɛ mete aseɛ yi, ɛnam tumi a mewɔ wɔ ahennie yi mu nti, mede me nsa bɛyɛ deɛ maka biara ama aba mu.
13Na wo, hwɛ yie sɛ wonto wo wura mmara mu biara, na mmom hwɛ di so sɛdeɛ mahyɛ wo no; ntwentwɛn wo nan ase, na yɛ.
Holoferne satuo14Enti Holoferne firii ne wura anim, na ɔfrɛɛ Asiria asraafoɔ asahene, asafohene mpanimfoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa.
15Ɔboaa wɔn a wɔasa mu ayiyi wɔn no ano akuakuo sɛdeɛ ne wura ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no, wɔn mu ɔpeha aduonu, wɔn ne agyantofoɔ a wɔtete apɔnkɔ so mpem dummienu.
16Na ɔboaboaa wɔn ano sɛ asraadɔm kɛseɛ sɛ ɔde wɔn retu sa.
17Ɔfaa nyoma ne mfunumu ne mfunumupɔnkɔ bebree de wɔn soaa nnoɔma, ne nnwan ne anantwie ne mmirekyie a wɔdɔɔso pa ara sɛ wɔbɛku wɔn adi;
18ɛne aduane a ɛdɔɔso maa obiara, ne sika ne dwetɛ a ɛdɔɔso pa ara a ɛfiri ahemfie.
19Saa nti ɔne asraafoɔ mu no nyinaa sii mu, sɛ wɔredi Ɔhene Nebukadnessar anim na wɔde wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu akɔkata asase ani nyinaa akɔsi atɔeɛ.
20Ate 7.12; Yoel 2.2-11 Nnipa afrafrafoɔ dɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mmɛbɛ a wɔbɔ mu yuu, sɛ asase so mfuturo, dodoɔ a wɔntumi nkane wɔn na wɔkaa wɔn ho kɔeɛ.
21Wɔtwaa kwan nnansa firii Ninewe kɔduruu Bektilet, na wɔkyeree nsraban wɔ Bektilet a ɛbɛn bepɔ a ɛwɔ Atifi Kilikia soro.
22Ɛfiri hɔnom na Holoferne de n’asraafoɔ dɔm no nyinaa, asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, apɔnkɔsotefoɔ ne nteaseɛnam, na ɔkɔɔ nkokoɔ man no mu.
23Ɔkɔsɛee Put ne Lud pasaa, na ɔkɔfom faa Ismaelfoɔ ne Rassisfoɔ a wɔtete ɛhyeɛ so wɔ anwea pradada so, deɛ ɛwɔ Kaldeafoɔ man anafoɔ no.
24Afei ɔtwaa Eufrate kɔfaa Mesopotamia ho kɔsɛee nkokoɔ so aman a ɛdeda Abron asuwa ho, kɔe ara kɔsii ɛpo ho.
25Ɔfaa Kilikia amantoɔ no, na ɔkumm obiara a ɔsii no kwan no, na ɔbɛduruu Yafet anafoɔ ahyeɛ so, deɛ ɛdekɔ Arabia no.
26Ɔtwaa Midiafoɔ no nyinaa ho hyiaeɛ, na ɔhyee wɔn ntomadan na wɔfomm wɔn nnwan fae.
27Afei ɔsane kɔɔ Damasko petee mu, ayuo twaberɛ, na ɔkɔhyee wɔn mfuo nyinaa na ɔkunkumm wɔn nnwan ne anantwie, na ɔtuu wɔn nkuro sɛee wɔn nsase na ɔde nkrantɛ kumm wɔn mmeranteɛ nyinaa.
28Yei nti ne ho suro ne ehu tɔɔ nnipa a na wɔtete mpoano no nyinaa so wɔ Sidon ne Tiro, ne wɔn a na wɔtete Sur ne Okyina ne Yamnia nyinaa. Wɔn a na wɔtete Asoto ne Askelon no suroo no kɛse pa ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.