Filipifoɔ 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkyea

1 1 Ko 1.2; 1 Ti 3.1; 3.8 Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:

2Rom 1.7 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda ne anigyeɛ

3 Rom 1.8; 1 Ko 1.4 Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu.

4Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa,

5mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;

6Flp 2.13; 1 Ko 1.6-8 na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.

7Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.

8Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.

Paulo adesrɛ

9Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,

10Rom 12.2; 1 Te 5.23 na moasɔ nnoɔma a ɛyɛ koraa no ahwɛ, na moayɛ korɔgyenn ne nnipa a suntiduatoɔ nni wɔn mu de akɔsi Kristo da no,

11Efe 5.9 na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.

Deɛ ɛfiri n’afiaseda mu ba

12 2 Ti 2.9 Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,

13Flp 4.22 ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,

14na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a, sɛ wɔka Nyankopɔn asɛm no a, wɔnsuro.

Deɛ enti a ɔka Kristo ho asɛm

15Ɛwom sɛ, ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm deɛ, nanso afoforɔ wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.

16Flp 1.7 Ebinom firi ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ asɛmpa no ho anoyie nti na meda ha,

17nanso ebinom firi ntɔkwapɛ mu na wɔbɔ Kristo din, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne nokorɛ so, na mmom wɔsusu sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.

Paulo ani gye Kristo asɛmpaka ho

18 Flp 2.17-18 Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.

192 Ko 1.11 Ɛfiri sɛ menim sɛ ɛnam mo nkotosrɛ ne Yesu Kristo honhom mmoa no so na yei bɛdane nkwagyeɛ,

20mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.

Nkwa ne owuo

21 Gal 2.20 Na me deɛ, m’ase a meteɛ ne Kristo, na owuo yɛ me mfasoɔ.

22Rom 1.13 Nanso sɛ honam mu asetena yi bɛma m’adwuma akɔ so deɛ a, ɛnneɛ na menhunu emu deɛ memfa.

231 Ah 19.4; 2 Ko 5.8 Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;

24nanso mekɔ so ara tena ase a, ɛho wɔ mfasoɔ kɛse ɛsiane mo nti.

25Na mewɔ saa ahotosoɔ yi, menim sɛ, mɛtena ase, na me ne mo nyinaa atena hɔ ama mo gyidie mu anigyeɛ akɔso,

26na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, ɛsiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.

Abrabɔ pa ho afotuo

27 Kol 1.10; 1 Te 2.12 Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,

28na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,

29ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso,

30Aso 16.22 ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help