Hesekiel 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yerusalem yɛ bobe dua hunu

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Yer 2.21 Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa,

bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no?

3Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi,

anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ?

4 Yoh 15.6 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye:

Sɛ ogya ahye ano mmienu,

na mfimfini ahye a,

ɛfata adwuma bi yɛ anaa?

5Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔamfa anyɛ hwee,

na nkantom sɛ ogya ahye no

dwɛɛ yi,

na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa?

6Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma,

7na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu.

8Na mɛma asase no adane afo, ɛfiri sɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help