2 Berɛsosɛm 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔman no mpaepaemu(1 Ahemfo 11.41-43)

1 1 Ah 12.1-19 Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem, deɛ na Israelfoɔ nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.

21 Ah 11.40 Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim, (deɛ ɔfiri Ɔhene Salomo anim dwane kɔeɛ no, tee). Ɛnna Yeroboam sane firii Misraim baeɛ.

3Na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:

4W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom denden, ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.

5Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdi nnansa a, monsane mmra me nkyɛn bio. Na ɔman no kɔe.

6Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi?

7Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yie, na wosɔ wɔn ani, na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.

8Na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔne mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ a wɔsom no no kɔtuu agyina,

9na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso moretuo, na yɛde akɔbua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, no?

10Na mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn, no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene.

11Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

12Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaa sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.

13Na ɔhene no de asɛm denden buaa wɔn, na Ɔhene Rehoboam gyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,

14na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

151 Ah 11.29, 31 Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.

16Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ:

Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu?

Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu.

O Israel, monkɔ mo afie!

Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so.

Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.

17Na Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.

18Na Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a ɔdi adwuma toɔ soɔ no, na Israelfoɔ no sii no aboɔ maa ɔwuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔredwane akɔ Yerusalem.

19Na Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help