Sirak 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Awurade de fam dɔteɛ bɔɔ nnipa,

na ɔsan ma wɔkɔ mu bio.

2Na ɔmaa wɔn nna bi a wahyɛ,

na mmom ɔmaa wɔn tumi wɔ biribiara a ɛwɔ asase so.

3Ɔdomm wɔn ahoɔden sɛ ɔno ara ne deɛ,

na ɔyɛɛ wɔn sɛ ɔno ankasa ne nsɛso.

4Ɔde wɔn ho hu hyɛɛ ateasefoɔ nyinaa mu,

na ɔmaa wɔn tumi wɔ wiram mmoa ne nnomaa so.

5[Wɔnyaa Awurade nimdeɛ nnum a wɔde yɛ adwuma;

na deɛ ɛtɔ so nsia no, ɔmaa wɔn adwene akyɛdeɛ,

ne deɛ ɛtɔ so nson no, nnweneho,

deɛ ɛkyerɛkyerɛ obi nimdeɛ aseɛ.]

6Ɔmaa wɔn adwene, tɛkyerɛma ne aniwa,

aso ne adwene a wɔde dwene.

7Ɔde nimdeɛ ne nteaseɛ hyɛɛ wɔn ma,

na ɔkyerɛɛ wɔn papa ne bɔne.

8Ɔde ne ho suro hyɛɛ wɔn koma mu

de kyerɛɛ wɔn ne nnwuma animuonyam no.

10Na wɔbɛyi ne din kronkron no ayɛ,

9na wɔaka ne nnwuma kɛseyɛ no akyerɛ.

11Ɔdomm wɔn nimdeɛ,

na ɔde abrabɔ mu nhyehyɛɛ maa wɔn.

12Ɔne wɔn yɛɛ daa apam,

na ɔkyerɛɛ wɔn n’ahyɛdeɛ.

13Wɔn aniwa hunuu n’animuonyam kɛseyɛ,

na wɔn aso tee n’animuonyam nne no.

14Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ yie wɔ bɔne ho.

Na ɔde mmara a ɛfa wɔn yɔnko ho maa wɔn mu biara.

15Wɔn akwan da n’anim daa;

na wɔrenhunta mfiri n’ani so.

16[Ɛfiri wɔn mmɔfraase na wɔn akwan kyerɛ deɛ amumuyɛ wɔ,

na wɔntumi nyɛ honam akoma mmfa nsi wɔn boɔ akoma no ananmu.

Ɛfiri sɛ asase so aman nyinaa mu na ɔyiiɛ.]

17Ɔyii ɔhene maa ɔman biara,

na mmom Israel deɛ wɔyɛ Awurade kyɛfa.

18[Ɔno a ɔyɛ n’abakan, ɔde ahohyɛsoɔ tete no,

na ɔde ne dɔ hann no maa no, na ɔnnya ne hɔ.]

19Wɔn nnwuma nyinaa yɛ korɔgyenn sɛ owia wɔ n’anim,

na n’ani wɔ wɔn akwan mu da biara.

20Wɔn amumuyɛ nhuntae wɔ n’anim,

na wɔn bɔne nyinaa da Awurade anim.

21[Nanso Awurade a ɔyɛ ɔdomfoɔ na ɔnim sɛdeɛ ɔnwenee wɔn no,

ɔnyae wɔn na nso ɔmpaa wɔn, na mmom ɔde wɔn ho akyɛ wɔn.]

22Onipa ayɛyɛdeɛ te sɛ nsɔano pɛtea ma Awurade,

na ɔbɛkora onipa bi ayamyɛ sɛ n’ani kosua.

23Ɛno akyi no, ɔbɛsɔre atua wɔn ka,

na ɔde wɔn akatua bɛbua wɔn tiri so.

24Nanso wɔn a wɔnu wɔn ho no, ɔma wɔsan ba,

na ɔhyɛ wɔn a wɔrepa aba no nkuran.

Ahonu ho afotuo

25San bra Awurade nkyɛn na gyae wo bɔne hɔ;

bɔ mpaeɛ wɔ n’anim na te wo mfomsoɔ so.

26San bra Ɔsorosoroni no nkyɛn na twe wo ho firi amumuyɛ ho,

na wakyiri deɛ ɛyɛ n’akyiwadeɛ no.

27Hwan na ɔbɛto ayeyie dwom wɔ Asamando ama Ɔsorosoroni no

asi ateasefoɔ a wɔda aseɛ no ananmu?

28Ɛfa awufoɔ afa mu, wɔn a wɔnte aseɛ no deɛ, aseda to atwa;

wɔn a wɔte nkwa mu na wɔn ho yɛ no to Awurade ayeyie nnwom.

29Hwɛ sɛdeɛ Awurade ahummɔborɔ so fa,

ne ne fakyɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔsan ba ne nkyɛn no!

30Na ɛnyɛ nnoɔma nyinaa na nnipa tumi yɛ,

ɛsiane sɛ nnipa ntena ase afebɔɔ.

31Ɛdeɛn adeɛ na ɛhyerɛn sene owia? Nanso esum tumi kye no.

Saa nti honam ne mogya hyehyɛ amumuyɛ.

32Ɔhyehyɛ ewiem asafo wɔ ɔsoro korɔn ho;

nanso nnipa nyinaa yɛ dɔteɛ ne nso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help