2 Timoteo 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Adesrɛ bi

1 1 Pe 4.5 Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim.

2Aso 20.20; 20.31 Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.

32 Ti 1.13; 1 Ti 4.1 Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ.

41 Ti 4.7; 2 Te 2.11 Na wɔbɛyi wɔn aso afiri nokorɛ ho, na wɔadane akɔtie anansesɛm.

52 Ti 2.3 Na wo deɛ, ma w’ani nna hɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani hunu amane, yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma, wie wo som no koraa.

Paulo awie ɔno ara n’adwuma

6 Flp 2.17 Na me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi.

71 Ko 9.25; 1 Ti 6.12; Flp 3.14 Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora.

82 Ti 2.5; 1 Pe 5.4; Yak 1.12; Adi 2.10 Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.

N’ani gyina Timoteo

9 2 Ti 4.21; 1.4 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm!

10Kol 4.14 Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.

11Aso 15.37; Kol 4.10 Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ma me ɔsom mu.

12Aso 20.4; Efe 6.21; Kol 4.7 Tihiko deɛ, masoma no Efeso.

13Sɛ woreba a, fa me batakari a megyaa no Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nwoma no brɛ me, ne titire no kokwanwoma no.

Ɔtomfoɔ Aleksandro

14 1 Ti 1.20; 2 Sa 3.39; Dwom 28.4 Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.

15Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yie wɔ ne ho; ɛfiri sɛ ɔsii yɛn nsɛm ano kwan bebree.

Gyeɛ a wɔgye Paulo

16 2 Ti 1.15 Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so.

17Aso 23.11; 27.23 Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman mufoɔ nyinaa ate; na wɔyii me firii gyata anomu.

18Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen.

Nkradie ne nkyea

19 Aso 18.2; Rom 16.3; 2 Ti 1.16 Mekyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ!

20Aso 19.22; 20.4; 21.29 Erasto kaa Korinto, na megyaa Trofimo wɔ Mileto a na ɔyare.

21Bɔ mmɔden bra ansa na awɔ berɛ aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyeakyea wo.

22Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help