Tito NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUTito yɛ obi a na ɔnyɛ Yudani na ɔbɛyɛɛ Kristoni. Ɔbɛyɛɛ Paulo yɔnko dwumayɛni ne boafoɔ wɔ n’asɛnka akwantuo dwumadie mu. Krataa a Paulo twerɛeɛ yi yɛ deɛ ɔde kɔmaa ne boafoɔ aberantewaa yi a na ɔwɔ Kreta. Ɔno ne deɛ Paulo gyaa no akyire sɛ ɔnhwɛ asafo a ɛwɔ hɔ no so. Nnoɔma ahodoɔ mmiɛnsa a ɛhia na ɔkaa ho asɛm wɔ krataa yi mu.Deɛ ɛdi kan no, ɔkae Tito esu ko a ɛsɛ sɛ asafo mu akannifoɔ no yi no adi, ɛsiane abrabɔ bɔne a na Kretafoɔ bebree wɔ mu no nti. Deɛ ɛdi hɔ yɛ afotuo a ɔde maa Tito sɛdeɛ ɔbɛsi akyerɛkyerɛ nnipakuo ahodoɔ wɔ asafo no mu. Wɔn ne mmarima mpanimfoɔ, mmaa mpanimfoɔ (a wɔn nso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmaa nkumaa no), mmeranteɛ ne nkoa. Deɛ ɛdi akyire no, ɔtuu Tito fo fa Kristoni abrabɔ ho, sɛ ɔbɛfa asomdwoeɛ ne ayɔnkofa, na wakwati ɔtan, akyinnyeɛ ne mpaepaemu wɔ asafo no mu.EMU NSƐMAhyɛaseɛ Nkyerɛkyerɛmu 1.1-4Asafo no mu mpanimfoɔ 1.5-16Nnipakuo ahodoɔ a ɛwɔ asafo mu asɛdeɛ 2.1-15Afotuo ne kɔkɔbɔ 3.1-11Awieeɛ 3.12-15
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help