1Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:
2Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ.
3Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma.
4Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
5Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
6Yes 45.9; Rom 9.21 Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam.
7Yer 1.10 Sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mɛtu na madwerɛ na masɛe no,
8Yer 26.3, 19; Yona 3.10 na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho.
9Na sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mede bɛsi hɔ na matɛ.
10Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho.
11Yer 25.5; 7.3 Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ!
12 Yer 6.16; 3.17 Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yɛbɛdi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn akoma bɔne denyɛ no ho adeɛ.
13Enti sɛ AWURADE seɛ nie:
Monkɔbisa amanaman no mu ɛ,
hwan na wate saa adeɛ yi bi pɛn?
Ahodwirideɛ pa ara
na Israel ababaa no ayɛ.
14Lebanon sukyerɛmma pa Sirion
abotan no so?
Amannɔne nsuwansuwa wiridudu
a ɛsene no bɛwe anaa?
15Na me man werɛ afiri me,
wɔahye aduhwam ama abosom hunu,
na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so,
wɔ teteete atempɔn so,
sɛ wɔnnante akwan a
ɛnyɛ akwammɔeɛ so.
16Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo
ne daa fɛdie adeɛ.
Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no,
na wawoso ne ti.
17 Yer 2.27 Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete
wɔn atamfoɔ anim,
m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn,
wɔn sɛeɛ da no.
Wɔpam Yeremia tiri so18Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.
19Yɛ aso ma me ɛ, O AWURADE,
na tie wɔn a wɔne me ham no.
20 Dwom 35.7 Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa?
Nso wɔatu amena ama me kra.
Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim
sɛ meresrɛ papa ama wɔn,
sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.
21Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm,
na yi wɔn to afena ano,
na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ,
na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima,
na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano.
22Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu,
berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no,
ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me,
na wasunsum me nan fidie.
23 Dwom 109.14-15 Na wo, AWURADE, wonim
wɔn agyina a wɔkɔ no me ho repɛ me wuo no nyinaa.
Nkata wɔn amumuyɛ so,
na mpepa wɔn bɔne mfiri w’anim,
ma wɔnhwehwe ase w’anim;
w’abufuo berɛ mu na ɛne wɔn nnie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.