Hebrifoɔ NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUKrataa a wɔde kɔmaa Hebrifoɔ no yɛ deɛ wɔtwerɛ kɔmaa Kristofoɔ nnipakuo bi a na wɔgu so retaa wɔn. Deɛ na ɛyɛ hu ne sɛ, na wɔreyɛ apa aba wɔ kristosom gyidie mu. Ɔtwerɛfoɔ no hyɛ wɔn nkuran, deɛ ɛdi kan, wɔ wɔn gyidie a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo ne Onyankopɔn nokorɛ adiyie a ɛtwa toɔ. Ɔreyɛ yei no, ɔsii nokwasɛm ahodoɔ mmiɛnsa so dua: Deɛ ɛdi kan, Yesu yɛ Nyankopɔn ba no a ɔnam amanehunu mu suae sɛ ɔbɛyɛ setie ama Agya no nokorɛ mu. Sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba no nti, ɔyɛ kɛseɛ sene Apam Dada mu adiyifoɔ, abɔfoɔ, ne Mose nso. Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, Onyankopɔn ayi Yesu akyerɛ sɛ ɔnyɛ daa sɔfoɔ a ɔkyɛne Apam Dada mu asɔfoɔ no. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa ne sɛ, gyidini nam Yesu so nya ɔgyeɛ firi bɔne, ehu ne owuo mu. Na sɛ Yesu yɛ Ɔsɔfo Panin nti, ɔtumi ma nokorɛ nkwagyeɛ a ne nsunsuansoɔ wɔ Hebrifoɔ som amaneɛ mu bi a ɛte sɛ mmoa afɔrebɔ.Ɔnam mfatoho a ɔyɛ faa nnipa bi a wɔgyee din wɔ Israel abakɔsɛm mu (Ti 11) srɛ n’akenkanfoɔ sɛdeɛ wɔbɛkɔ so ara atena ase nokorɛdie mu. Ti 12 mu no, ɔsrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so ntena ase nokorɛdie mu nkɔsi awieeɛ na wɔnhwɛ Yesu. Afei nso, wɔmmia wɔn ani nhunu amane wɔ ɔtaeɛ biara a ɛbɛba wɔn soɔ no mu. Deɛ ɔde wie nwoma yi ne afotusɛm bi ne kɔkɔbɔ.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu: Kristo ne Onyankopɔn adiyie a ɛdi awieeɛ 1.1-3Kristo yɛ kɛseɛ sene abɔfoɔ 1.4—2.18Kristo yɛ kɛseɛ sene Mose ne Yosua 3.1—4.13Kristo kɛseyɛ wɔ ne sɔfodie mu 4.14—7.28Kristo kɛseyɛ wɔ n’apam mu 8.1—9.22Kristo kɛseyɛ wɔ n’afɔrebɔ mu 9.23—10.39Gyidie ne adeɛ a ɛdi kan 11.1—12.29Onyankopɔn anisɔ 13.1-19Mpaebɔ a ɛdi awieeɛ 13.20-21Nsɛm a ɛdi awieeɛ 13.22-25
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help