1Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.
2 Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.
14Mat 27.20-21 Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.
15Aso 4.10 Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn.
16Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
Gyidie ne ɔsetie17 Luk 23.34 Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara.
18Luk 24.27 Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa.
19Aso 2.38 Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,
20na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no
21a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu.
22Deut 18.15; 18.19 Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.
23Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifoɔ no no, wɔbɛsɛe no afiri ne man mu.
24Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.
25Gye 22.18 Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.
26Aso 13.46 Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
