1 Dwom 1.1-2; 112.1 Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ,
na wɔnam AWURADE mmara soɔ.
2Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ,
na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire,
3nso wɔnyɛ amumuyɛdeɛ,
na wɔnam n’akwan soɔ.
4Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn
sɛ yɛnni so koraa.
5O, sɛ wɔtenetene m’akwan,
na medi w’ahyɛdeɛ so ɛ!
6Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a,
ɛnneɛ anka m’ani renwu.
7Mede akoma tee bɛda wo ase
sɛ meresua wo tenenee atemmudeɛ no.
8Mɛdi w’ahyɛdeɛ so,
nnya me korakora.
AWURADE mmara ho setie9Ɛdeɛn na aberanteɛ de bɛte ne kwan ho?
Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛdeɛ wo nsɛm seɛ.
10Mede m’akoma nyinaa mɛdi w’akyi,
mma memmfiri wo mmara nsɛm ho mennkyini.
11Mede wo nsɛm makora m’akomam,
na manyɛ wo ho bɔne bi.
12 Dwom 119.26, 64, 68 Nhyira ne wo, AWURADE,
kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
13Mede m’ano maka
w’anomu atemmuo nyinaa.
14W’adansesɛm kwan mu na m’ani gyeɛ,
sɛdeɛ ɛgye ahonyadeɛ bi ho.
15Meredwene wo nsiesieeɛ ho,
na merehwɛ w’akwan.
16 Dwom 119.24; Rom 7.22; Dwom 119.61 W’ahyɛdeɛ ho na me ho sɛpɛ me,
me werɛ remfiri wo nsɛm.
AWURADE mmara ho anigyeɛ17Yɛ w’akoa yie, na mennya nkwa,
na madi wo nsɛm so.
18Bue m’ani,
na menhwɛ wo mmara mu anwanwadeɛ.
19 Dwom 39.12 Meyɛ ɔhɔhoɔ asase so,
mfa wo mmara nsɛm nhunta me.
20Me kra posa daa nyinaa,
w’atemmuo ho anigyina mu.
21 Deut 27.26 Woateatea ahantanfoɔ a wɔadome wɔn
a wɔfom firi wo mmara nsɛm ho no.
22Yi ahohora ne aniwuo firi me so,
na madi w’adansesɛm so.
23Aman mpanin nso tena ase keka me ho nsɛm a,
w’akoa bɛdwene w’ahyɛdeɛ ho.
24 Dwom 119.35 W’adansesɛm yɛ m’adɔdeɛ,
na ɛyɛ m’agyinatufoɔ.
Si nkete sɛ wobɛdi AWURADE mmara so25Me kra aka fam,
ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
26Maka m’akwan makyerɛ, na woagye me so,
ma mensua w’ahyɛdeɛ.
27Ma menhunu wo nsiesieeɛ kwan mu,
na mennwene w’anwanwadeɛ ho.
28Awerɛhoɔ ama me kra anane,
ma me so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
29Yi atorɔ kwan firi me ho,
na fa wo mmara dom me.
30Mafa nokorɛdie kwan,
mede w’atemmudeɛ magu m’anim.
31Matim w’adansesɛm mu,
AWURADE, mma m’ani nnwu.
32Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika,
na wotrɛ m’akomam.
Nteaseɛ ho mpaebɔ33AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛdeɛ kwan,
na mafa so makɔsi aseɛ.
34Ma menhunu mu, na madi wo mmara so,
na mede m’akoma nyinaa bɛdi so.
35 Dwom 119.47 Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so,
na ɛno na ɛsɔ m’ani.
36Kom m’akoma kɔ w’adansesɛm so,
na ɛnyɛ sikanibereɛ so.
37Ma m’ani nsiane adehunu hwɛ ho,
ma mennya wo kwan mu nkwa.
38Hyɛ w’asɛm mu den ma w’akoa
a ɔde ne ho ama wo suro.
39Ma m’ahohora a ɛyɛ me hu nsiane me ho,
na w’atemmudeɛ yɛ.
40Hwɛ, mafe wo nsiesieeɛ,
ma mennya wo tenenee mu nkwa.
AWURADE mmara ho ahotosoɔ41AWURADE, ma w’adɔeɛ mmra mma me,
ne wo nkwagyeɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
42Na manya asɛm bi mabua deɛ ɔbɔ me ahohora,
na mede me ho meto w’asɛm so.
43Na nyi nokwasɛm no mfiri m’anomu koraa,
na w’atemmudeɛ so na m’ani da.
44Na mɛdi wo mmara so ara
daa akɔsi daa ne daapem,
45na mɛnante tɛtrɛtɛ mu,
na medi wo nsiesieeɛ akyi.
46 Mat 10.18; Rom 1.16 Na mɛka w’adanseɛ ho asɛm ahemfo anim,
na m’ani renwu.
47 Dwom 119.70 Na me ho bɛsɛpɛ me wo mmara nsɛm ho,
na ɛno na madɔ,
48na mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho,
na madwene w’ahyɛdeɛ ho.
AWURADE mmara mu awerɛhyɛmu49Kae asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa no,
ɛfiri sɛ womaa mede m’ani metoo so.
50 Dwom 19.7 Yei ne m’awerɛkyekyerɛ m’amanehunu mu,
ɛfiri sɛ w’asɛm ma menya nkwa.
51Ahantanfoɔ de me ayɛ fɛdie pii,
mennane memfirii wo mmara ho.
52AWURADE, mekae w’atemmuo a ɛfiri teteete no,
na mekyekyere me werɛ.
53Abufuhyeɛ hyɛ me so,
abɔnefoɔ a wɔgya wo mmara no nti.
54W’ahyɛdeɛ adane me nnwom,
m’ahɔhoyɛ fie mu.
55AWURADE, mekae wo din anadwo,
na medi wo mmara so.
56Yei ayɛ me adeɛ,
sɛ mekura wo nsiesieeɛ mu.
Ahofama wɔ AWURADE mmara ho57AWURADE, me kyɛfa ne wo,
maka sɛ mɛdi wo nsɛm so.
58Mede m’akoma nyinaa masrɛ wo:
Dom me sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
59Meda medwene m’akwan ho,
na medane me nan mekyerɛ w’adansesɛm.
60Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase,
sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.
61 Dwom 119.83 Abɔnefoɔ nhoma abebare me ho,
me werɛ mfirii wo mmara.
62 Dwom 42.8 Mesɔre dasuom meda wo ase,
wo tenenee atemmudeɛ ho.
63Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,
ɛne wɔn a wɔdi wo nsiesieeɛ soɔ.
64 Dwom 33.5 AWURADE, w’adɔeɛ ahyɛ asase ma,
ma mensua w’ahyɛdeɛ.
AWURADE mmara som boɔ65 Dwom 119.17, 41 Wo ne w’akoa adi no yie, AWURADE,
sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
66Kyerɛkyerɛ me nhunumu pa ne nimdeɛ,
na magye wo mmara nsɛm madi.
67 Dwom 119.75; Yes 28.19 Wɔnnya mmrɛɛ me aseɛ no, mefomee,
na afei medi w’asɛm so.
68 Dwom 119.12 Woyɛ, na woyɛ yie,
kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
69 Dwom 119.78 Ahantanfoɔ atoatoa atorɔ ato me so,
me deɛ, mede m’akoma nyinaa mesɔ wo nsiesieeɛ mu.
70 Dwom 119.77 Wɔn akoma apirim sɛ sradeɛ,
me deɛ, wo mmara ho na me ho sɛpɛ me.
71 Dwom 118.21 Ɛyɛ ma me sɛ wobrɛɛ me aseɛ,
na ama masua w’ahyɛdeɛ.
72 Dwom 19.10 W’anomu mmara yɛ ma me
sene sika ne dwetɛ mpempem.
AWURADE mmara yɛ pɛrepɛre73Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me,
ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm.
74Wɔn a wɔsuro woɔ bɛhu me na wɔn ani agye,
na w’asɛm so na m’ani da.
75 Dwom 119.67 AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee,
na wode nokorɛdie abrɛ me ase.
76 Dwom 109.21 Ma w’adɔeɛ nyɛ me awerɛkyekyerɛ ɛ,
sɛdeɛ wokaa w’akoa no.
77 Dwom 119.143 Ma wo mmɔborɔhunu mmra me so na mennya nkwa,
na wo mmara ne m’anika.
78 Dwom 119.85-86 Ma ahantanfoɔ ani nwu
sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo soɔ.
Me deɛ, mɛdwene wo nsiesieeɛ ho.
79Ma wɔn a wɔsuro woɔ nnane mmra me nkyɛn,
ne wɔn a wɔnim w’adansesɛm no.
80Ma m’akoma nyɛ pɛ w’ahyɛdeɛ mu,
na m’anim angu ase.
Ɔgyeɛ ho mpaebɔ81Me kra tɔ wo nkwagyeɛ ho piti,
w’asɛm so na m’ani da.
82W’asɛm nti m’ani ayɛ samoo.
Mese: Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?
83 Dwom 119.93 Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wisie mu,
nanso me werɛ mfiri w’ahyɛdeɛ.
84W’akoa nna si ahe?
Da bɛn na wobɛbu wɔn a wɔtaa me atɛn?
85 Dwom 119.69 Ahantanfoɔ atutu amena ama me,
wɔn a wɔnte sɛdeɛ wo mmara kyerɛ.
86Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
Wɔtaa me nkontompo so, boa me!
87Aka kumaa na wɔahye me awie asase so,
na me deɛ, mennya wo nsiesieeɛ.
88 Dwom 119.149 W’adɔeɛ nti ma mennya nkwa,
na madi w’anomu adanseɛ so.
Gyidie wɔ AWURADE mmara mu89 Yes 40.8 AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa wɔ,
ɔsoro.
90Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa,
woasiesie asase, na ɛgyina hɔ.
91Ɛgyina hɔ nnɛ sɛdeɛ w’atemmuo teɛ,
na nnoɔma nyinaa yɛ w’asomfoɔ.
92 Dwom 119.50; Yer 15.16 Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔdeɛ a,
anka masɛe m’amaneɛ mu.
93 Dwom 119.109 Me werɛ remfiri wo nsiesieeɛ ara da,
na ɛno so na wonam ma menya nkwa.
94 Dwom 119.45 Meyɛ wo dea, gye me nkwa,
na medi wo nsiesieeɛ akyi.
95Abɔnefoɔ retɛ me asɛe me.
Me deɛ, m’ani ku w’adansesɛm ho.
96Mahunu pɛyɛ nyinaa awieeɛ,
wo mmara nsɛm trɛ pii.
AWURADE mmara ho dɔ97 Dwom 1.2 Sɛdeɛ mesi dɔ wo mmara!
Ɛno ne m’adwene da mu nyinaa.
98 Deut 4.6 Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafoɔ asene m’atamfoɔ,
na ɛwɔ me daa.
99Mewɔ nimdeɛ mesene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,
na w’adansesɛm ne m’adwene.
100Mehunu adeɛ mu mesene mpanimfoɔ,
na mehwɛ wo nsiesieeɛ medi so.
101Masianka me nan mafiri kwammɔne nyinaa so,
na madi w’asɛm so.
102Memmane memfirii w’atemmuo ho,
na wo na woakyerɛkyerɛ me.
103 Dwom 19.10 Sɛdeɛ wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ!
Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anomu.
104Wo nsiesieeɛ mu na menya nhunumu,
enti mekyiri nkontompo kwan nyinaa.
AWURADE mmara yɛ kanea105 2 Pe 1.19 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,
ne me kwan so hann.
106Maka ntam, na mɛma no agyina,
sɛ mɛdi wo tenenee atemmudeɛ so.
107 Dwom 119.67, 71 Wɔabrɛ me ase dodo,
AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
108 Dwom 19.14 AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anomu ayamyie afɔdeɛ ɛ,
na ma mensua w’atemmudeɛ.
109 Dwom 119.141 Me kra da me nsam daa,
nanso me werɛ mfiri wo mmara.
110Abɔnefoɔ asum me fidie,
nanso memfom wo nsiesieeɛ kwan ho.
111Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa,
na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ.
112Makom m’akoma sɛ mɛyɛ w’ahyɛdeɛ daa
makɔsi aseɛ.
AWURADE mmara mu banbɔ113 Dwom 31.6 Mekyiri adwene ntantafoɔ,
na medɔ wo mmara.
114 Dwom 3.3 Me dwanekɔbea ne me kyɛm ne wo,
m’ani da w’asɛm so.
115Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so,
na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.
116Wowa me sɛdeɛ w’asɛm teɛ, na manya nkwa,
na mma m’ani nnwu, me kwanhwɛ mu.
117Sɔ me mu, na manya nkwagyeɛ,
na mahwɛ w’ahyɛdeɛ no daa.
118Wobu wɔn a wɔfom w’ahyɛdeɛ nyinaa animtia,
na nkontompo nko ne wɔn nsisie.
119Woyi asase so abɔnefoɔ nyinaa hɔ sɛ dadebini,
enti na medɔ w’adansesɛm.
120Wo ho hu ma me honam popo,
na mesuro w’atemmudeɛ.
AWURADE mmara ho setie121Mayɛ atemmuo ne tenenee,
nnya me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ.
122 Dwom 19.13 Di agyinamu pa ma w’akoa,
mma ahantanfoɔ nnni me amim.
123M’ani ayɛ samoo repɛ wo nkwagyeɛ
ne wo tenenee asɛm no.
124Wo ne w’akoa nni no sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,
na ma mensua w’ahyɛdeɛ.
125W’akoa ne me, ma me nteaseɛ,
na menhunu w’adansesɛm.
126Berɛ aduru sɛ AWURADE yɛ biribie,
ɛfiri sɛ wɔatu wo mmara agu.
127 Dwom 19.10 Enti medɔ wo mmara nsɛm
sene sika kɔkɔɔ ne amapa.
128Enti mebu ade nyinaa mu nsiesieeɛ nyinaa sɛ ɛtene,
metane nkontompo kwan nyinaa.
Pere sɛ wobɛdi AWURADE mmara so129W’adansesɛm yɛ nwanwa,
enti na me kra di soɔ.
130 Dwom 19.7 Wo nsɛm mu bue ma hann,
ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.
131Mebue m’anomu haa mepere,
ɛfiri sɛ m’ani gyina wo mmara nsɛm.
132Dane w’ani kyerɛ me, na dom me,
sɛdeɛ woyɛ wɔn a wɔdɔ wo din no.
133 Dwom 17.5 Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu,
na mma amumuyɛ biara nnni me so.
134Yi me firi onipa nhyɛsoɔ mu,
na menni wo nsiesieeɛ so.
135Ma w’anim nhran w’akoa so,
na ma mensua w’ahyɛdeɛ.
136Asutene sene m’aniwa mu gu,
ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.
AWURADE mmara yɛ pɛrepɛre137Ɔteneneeni ne wo, AWURADE,
na w’atemmudeɛ nso tene.
138Woahyɛ w’adansesɛm, tenenee mu
ne nokorɛdie kɛseɛ mu.
139 Dwom 69.9 Me mmɔdemmɔ redɛre me mu sɛ ogya,
ɛfiri sɛ m’ahohiahiafoɔ werɛ afiri wo nsɛm.
140W’asɛm yɛ gyenegyene pii,
na w’akoa dɔ no.
141 Dwom 119.153 Mesua, na memfra,
nanso me werɛ mfiri wo nsiesieeɛ.
142Wo tenenee yɛ daa tenenee,
na wo mmara yɛ nokorɛ.
143 Dwom 119.174 Ahohia ne ahoyera ato me,
nanso wo mmara nsɛm ne m’adɔdeɛ.
144W’adansesɛm yɛ tenenee daa,
ma me nteaseɛ, na mennya nkwa.
Ɔgyeɛ ho mpaebɔ145Mede m’akoma nyinaa mesu mefrɛ:
Gye me so.
AWURADE, mɛdi w’ahyɛdeɛ so.
146Mesu mefrɛ wo: Bɛgye me,
na madi w’adansesɛm so.
147 Dwom 119.114 Metua anɔpahema meteam,
m’ani da w’asɛm so.
148M’ani di adasuo anim
sɛ mɛdwene w’asɛm ho.
149 Dwom 119.88, 154, 159 Tie me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.
AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ.
150Wɔn a wɔdi mmusuo akyire twe bɛn,
wɔne wo mmara ntam ware.
151 Dwom 119.86 AWURADE, wo nso wobɛn,
na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
152Mehunuu w’adansesɛm mu akyɛ,
sɛ woama no atim sɛ ɛnsi hɔ daa.
Mmoa ho mpaebɔ153 Dwom 119.176 Hwɛ m’amanehunu, na yi me,
na me werɛ mfiri wo mmara.
154Di m’asɛm ma me, na gye me,
ma mennya nkwa sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
155Abɔnefoɔ ne nkwagyeɛ ntam ware,
na wɔnhwehwɛ w’ahyɛdeɛ akyiri kwan.
156Wo mmɔborɔhunu dɔɔso, AWURADE,
ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ.
157M’ataafoɔ ne m’ahohiahiafoɔ dɔɔso
nanso mentwe memfirii w’adansesɛm ho.
158Mehunu nnabrabafoɔ nkontompofoɔ a,
wɔn ho yɛ me nwunu,
sɛ wɔnni w’asɛm soɔ.
159Hwɛ sɛdeɛ medɔ wo nsiesieeɛ, AWURADE,
ma mennya nkwa sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.
160 Yoh 17.17 W’asɛm ntoano yɛ nokorɛ,
na wo tenenee atemmuo nyinaa wɔ hɔ daa.
Nya atuhoakyɛ ma AWURADE mmara161Aman mpanin ti me kwa,
nanso w’asɛm nko na mesuro.
162M’ani ka w’asɛm ho
sɛ deɛ wanya asadeɛ pii.
163Metane atorɔ, na mekyi,
wo mmara na medɔ.
164Da koro meyi wo ayɛ mprɛnson,
wo tenenee atemmuo ho.
165Asomdwoeɛ pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara,
na biribi ntoatoa wɔn.
166 Gye 49.18 Mehwɛ wo nkwagyeɛ kwan, AWURADE,
na madi wo mmara nsɛm so.
167Me kra di w’adansesɛm so,
na medɔ no kɛse.
168 Dwom 18.21 Medi wo nsiesieeɛ ne w’adansesɛm so,
na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.
Mmoa ho mpaebɔ169AWURADE, ma me nteamu nnuru w’anim,
ma me nteaseɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
170Ma me nkotosrɛ mmra w’anim,
gye me sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
171M’ano bɛworo w’ayeyie,
sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
172 Dwom 1.2; Mmb 6.22 Me tɛkyerɛma bɛgye w’asɛm so,
na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ tenenee.
173Ma wo nsa mmɛboa me,
na wo nsiesieeɛ na mayie.
174 Dwom 119.16 Mefe wo nkwagyeɛ, AWURADE,
na wo mmara ne m’adɔdeɛ.
175Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ,
na w’atemmuo mmoa me.
176 Yes 53.6; Dwom 119.16 Mafom kwan sɛ odwan a wayera,
hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfiri wo mmara nsɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.