1 Samuel 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Israelfoɔ ahonu wɔ Mispa

2 kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

13Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.

14Na wɔdanee nkuro a Filistifoɔ agye no Israel nsam no maa Israel, ɛfiri Ekron kɔsi Gat, na ɛho asase nso, Israel gyee Filistifoɔ nsam. Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.

Samuel atemmuo adwuma

15Na Samuel buu Israel atɛn ne nkwa nna nyinaa.

16Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu.

17Na ɔsane ba Rama, na ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɔbu Israel atɛn hɔ; na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help