2 Makabee 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Heliodorus bɛduru Yerusalem

1Ɛberɛ a nnipa tete kuro kronkron wɔ asomdwoeɛ mapa mu no, ɛsiane Ɔsɔfopanin Onias nyamesompa ne kyiri a na ɔkyiri amumuyɛ,

2ɛbaa sɛ ahemfo no ara ankasa dii beaeɛ hɔ nni ne akyɛdeɛ a ɛyɛ fɛ a wɔde hyɛɛ asɔredan mu hɔ animuonyam,

3ma Ɔhene Seleukus a ɔfiri Asia mpo firii n’ankasa ne fotoɔ mu tuatuaa ɛka biara a wɔbɔɔ no wɔ afɔdeɛ no som ho.

4Nanso ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Benyamin abusua mu a ɔyɛ asɔredan mu safohene no ne ɔsɔfo panin no anyɛ adwene wɔ kuro no mu dwa so hwɛ ho.

5Na ɛsiane sɛ wantumi anni Onias soɔ no, enti ɔkɔɔ Apolonius a saa berɛ no na ɔyɛ amrado wɔ Koelesiria ne Foinike nkyɛn wɔ Tarsus,

6na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ sikafotoɔ a ɛwɔ Yerusalem no, sika ahyɛ mu ma, a enti wɔntumi nkan mpo, na ɛnka afɔrebɔ sika no ho, na mmom ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛkɔ akɔdi ɔhene no nsam.

7Ɛberɛ a Apolonius hyiaa ɔhene no, ɔkaa asɛm a wate afa sika no ho kyerɛɛ ɔhene. Ɔhene yii Heliodorus a na ɔhwɛ ne nsɛmnsɛm soɔ no, na ɔde n’anom asɛm somaa no sɛ ɔnkɔyi sika a wɔaka ho asɛm no mmra.

8Ntɛm ara na Heliodorus hyɛɛ n’akwantuo no ase, na ɔboapa yɛɛ sɛ ɔrekɔ akɔhwɛ nkuro a ɛwɔ Koelesiria ne Foinike no, nanso nokorɛ mu no na ɛyɛ adeɛ a ɔrekɔyɛ deɛ ɔhene de asoma no no.

9Na ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem na ɔsɔfo panin a ɔwɔ kuro no mu agye no fɛ so no. Heliodorus kaa deɛ wɔada no adie no kyerɛɛ no, na ɔkaa deɛ nti a waba, na ɔhwehwɛ hunuu sɛ ɛte saa ampa ara.

10Ɔsɔfo panin no kyerɛɛ mu sɛ sika bi a wɔde asie ama akunafoɔ ne nyanka wɔ hɔ,

11na afei nso sika bi a ɛyɛ Tobias ba Hikanus a ɔyɛ onipa a ne dibea korɔn no dea, na ne nyinaa yɛ dwetɛbena ahannan ne sika ahanu. Wɔ saa kwan no so no, na Simon a nyamesuro nni ne mu no adane nokorɛ no ani.

12Na ɔkaa sɛ, ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛtumi asi da sɛ wɔbɛtumi ayɛ nnipa a wɔde wɔn ho ato beaeɛ hɔ kronkronyɛ, n’ahoteɛ ne asɔredan a wɔdi no ni wɔ wiase baabiara na wɔnngu ho fi no so.

Heliodorus hyehyɛ sɛ ɔbɛwia asɔredan no

13Nanso Heliodorus, ɛsiane ɔhene mmara a ɔde ahyɛ no no nti, kaa sɛ ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔgye sika no kɔ ɔhene sikafotoɔ no mu.

14Enti ɔhyɛɛ da bi na ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ saa sikafotoɔ yi.

15Asɔfoɔ hyehyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ butubutuu fam wɔ afɔrebukyia no anim na wɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ frɛɛ ɔno a ɔde mmara ɛfa sikasie ho no, sɛ ɔnkora wɔn mfiri mma wɔn a wɔde bɛsieeɛ no.

16Sɛ wohu ɔsɔfo panin no anim a na ɛyɛ awerɛhoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ n’anim ne n’ahosuo nsakyeraeɛ no kyerɛ yea a ne kra redi.

17Ɛfiri sɛ suro ne ahopopoɔ aba onipa no so a, ɛda adi pefee ma wɔn a wɔhyia no no hu n’akomam mu yeadie.

18Nnipa nso yɛɛ ntɛm fifiri wɔn afie mu ɛdɔm so boom yɛɛ nkotosrɛ ɛfiri sɛ na wɔrebɛbu kronkronbea hɔ animtia.

19Mmaa a wɔde ayitoma afira firi wɔn nufu ase, gyee twi wɔ mmɔntene so. Mmabaawa binom a wɔkaa wɔ hyɛɛ adan mu no tutuu mmirika kɔɔ aponkɛseɛ ano, na ebinom kɔɔ afasuo no ho, na ebinom hwɛee firii mpomma mu.

20Na wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro, na wɔn nyinaa yɛɛ nkotosrɛ.

21Na biribi wɔ hɔ a ɛyɛ awerɛhoɔ wɔ ɛdɔm no nyinaa butubutu hɔ ne ne n’ahodwane a abɔ ɔsɔfo panin no hu no mu.

Awurade bɔ n’asɔredan ho ban

22Ɛberɛ a wɔresu frɛ Awurade Tumfoɔ no sɛ ɔmmɔ deɛ wɔde abɛsie no yie a ɛho nte kyema mma wɔn a wɔde bɛsieeɛ no,

23Heliodorus kɔɔ so ara yɛɛ deɛ na wabɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛyɛ no.

24Nanso ɛberɛ a ɔne n’awɛmfoɔ bɛduruu sikakorabea hɔ no, ɛhɔ ara na ahonhom ne tumi nyinaa mu Hene no daa biribi a ɛyɛ nwanwa bi adi, maa wɔn a na anka wɔde akokoɔduro ka ne ho no, Onyankopɔn tumi no bɔɔ wɔn hu, na wɔde suro totɔɔ piti.

25Ɛfiri sɛ pɔnkɔ bi a wɔasiesie no fɛfɛɛfɛ a obi a ne tebea yɛ hu te no soɔ; ɔde anibereɛ bɔɔ kirididi kɔɔ Heliodorus so, na pɔnkɔ no de ne nan a ɛwɔ anim no bɔɔ no hwee fam. Na wɔhunuu deɛ ɔte pɔnkɔ no soɔ no sɛ n’akotadeɛ ne n’akodeɛ no yɛ sika.

26Mmeranteɛ mmienu bi nso yii wɔn ho kyerɛɛ no, wɔn ho yɛ den pa ara, wɔn ho yɛ fɛfɛɛfɛ, na ntadeɛ a ɛhyehyɛ wɔn no yɛ fɛ dodo, na wɔgyinagyina ne fa ha ne ne fa ha, na wɔbɔɔ no mmaa pii, na wɔbobɔɔ no akuturuku.

27Na ɛberɛ a mpofirim ara ɔtwa hwee fam no, esum kɛseɛ kataa no so, na ne mmarima no maa no so, na wɔde no too ahomankaa mu,

28na wɔsoaa no kɔe; saa onipa korɔ yi ara ɛnkyɛree koraa na ɔde ɛdɔm pii ne awɛmfoɔ hyɛnee sikakorabea a wɔadi kan aka ho asɛm, nanso seesei ara deɛ ɔntumi nnyɛ ne ho hwee yi. Ɛmaa wɔnhunuu Onyankopɔn ahennie tumi no pefee.

Onias bɔ mpaeɛ ma Heliodorus

29Ɛberɛ a ɔda fam butu hɔ no, na ɛsiane anyankonneɛ a ɛbɛgyee mu na anidasoɔ sɛ ɛbɛsan aba bio no sae,

30na wɔyii Awurade a wayɛ anwanwadeɛ wɔ n’ankasa ne beaeɛ no. Na asɔredan a, ɛberɛ tiawa bi a atwam no na suro ne basabasa ahyɛ hɔ ma no, afei a Awurade Tumfoɔ no ada ne ho adie yi, anigyeɛ ne ahurisie bɛhyɛɛ hɔ ma.

31Heliodorus nnamfonom bi yɛɛ ntɛm srɛɛ Onias sɛ ɔmfrɛ Ɔsorosoroni no na ɔmma deɛ ɔda owusuo no nkwa.

32Na ɔsɔfo panin no, ɛsiane sɛ na ɔsuro sɛ ɔhene bɛnya adwene bi sɛ Yudafoɔ no na ayɛ bɔne bi atia Heliodorus, ɔbɔɔ afɔdeɛ sɛ onipa no nya nkwa.

33Na ɛberɛ a na ɔsɔfo panin no gu so reyɛ mpata no, mmeranteɛ korɔ no ara san yii wɔn ho adi kyerɛɛ Heliodorus, na wɔhyehyɛ ntadeɛ korɔ no ara, na wɔbɛgyinaa hɔ kaa sɛ: Da Ɔsɔfopanin Onias ase pa ara, ɛfiri sɛ ne nti na Onyankopɔn de wo nkwa ama wo.

34Na hu sɛ wo a ɔsoro aka wo mpire yi, wobɛka akyerɛ Onyankopɔn ahennie tumi no akyerɛ nnipa nyinaa. Wɔkaa saa no, wɔyerae.

Heliodorus adwensakyera

35Afei Heliodorus bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade, na ɔhyɛɛ ne Nkwagyefoɔ no bɔ akɛseɛ ahodoɔ, na ɔne Onias dii nkra wieeɛ no, ɔne n’akofoɔ no siim kɔɔ ɔhene hɔ.

36Na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ nnipa nyinaa ɛfa Onyankopɔn kɛseɛ no nnwuma ho, deɛ ɔno ara de n’ani hunui.

37Ɛberɛ a ɔhene bisaa Heliodorus sɛ onipa su bɛn na ɔbɛfata sɛ wɔsoma no bio kɔ Yerusalem no, ɔbuaa sɛ:

38Sɛ wowɔ ɔtamfo anaasɛ obi a ɔwɔ w’amammuo ho adwemmɔne bi wɔ hɔ, soma no hɔ, na ɔbɛkɔ aba wo nkyɛn bio wɔ berɛ a wɔaka no mpire yie, sɛ ɛyɛ adeɛ a ɔbɛtumi afiri mu afiri a; ɛfiri sɛ Onyankopɔn tumi bi a ɛwɔ hɔ ampa wɔ beaeɛ hɔ.

39Na deɛ ne tenabea wɔ ɔsoro no, n’ankasa na ɔhwɛ saa beaeɛ hɔ na ɔde mmoa berɛ wɔn, na ɔbobɔ na ɔsɛe obiara a ɔba sɛ ɔrebɛsɛe hɔnom.

40Yei ne nsunsuansoɔ a ɛbaa Heliodorus asɛm no mu ne sikakorabea no ho banbɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help