Tobit 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Tobit de nhyehyɛɛ ma ne babarima

1Saa da no Tobit kaee sika a na ɔde agya Gabael wɔ Rages a ɛwɔ Media no,

2na ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: Afei mafrɛ owuo ama me ho. Adɛn nti na memfrɛ me ba Tobias na menkyerɛkyerɛ no ɛfa sika no ho ansa na mawu?

3Yei nti ɔfrɛɛ ne ba Tobias, na ɛberɛ a ɔbɛduruu ne nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Me ba, sɛ mewu a, sie me osie pa. Di wo na ni na ntoto no ase wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. Yɛ biribiara a ɛsɔ n’ani, na ɛnho ne werɛ wɔ biribiara mu.

4Me ba, kae sɛ, ɔhunuu amaneɛ bebree maa wo berɛ a na woda ne yafunu mu. Sɛ ɔwu a, sie no wɔ me da ho pɛɛ.

5Bu Awurade yɛn Nyankopɔn yie wɔ wo nkwa nna nyinaa mu, me ba, na ɛnyɛ bɔne anaa nto ne mmara. Tena ase wɔ tenenee mu, wo nkwa nna nyinaa na nante wɔ bɔne kwan so;

6ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn nnoɔma nokorɛ mu no bɛyɛ prɔmprɔm wɔn dwumadie nyinaa mu.

7Deut 15.7-8; Mmb 19.17; Sir 3.30—4.6; 1 Yoh 3.17 Firi w’ahonya mu kyɛ obiara a ɔyɛ setie ma Onyankopɔn nokorɛ mu no adeɛ. Nnane w’ani mfiri ohiani ho, na Onyankopɔn annane n’ani amfiri wo ho.

8Sɛ wowɔ ahonyadeɛ bebree a, firi mu ma sɛdeɛ ɛsɛ; sɛ ɛsua a, nsuro sɛ wobɛfiri kakra a wowɔ no mu ama.

9Saa na wobɛhyehyɛ agyapadeɛ pa ama wo ho atwɛn da a wo ho bɛkyere wo no.

10Na adɔeɛ gye wo firi owuo mu na akora wo amma woankɔ Esum mu.

11Ampa ara, yei yɛ afɔdeɛ a ɛkorɔn wɔ Ɔsorosoroni no anim, ma wɔn a wɔyɛ saa no nyinaa.

12Me ba, hwɛ yie wɔ adwamammɔ ahodoɔ nyinaa ho. Deɛ ɛdi kan, nya ɔyere firi w’agyanom asefoɔ mu, na nware ɔbaa hohoɔ a ɔmfiri w’agya abusuakuo mu; ɛfiri sɛ, yɛyɛ adiyifoɔ mma. Me ba, kae sɛ, yɛn tete agyanom, Noa, Abraham, Isak ne Yakob nyinaa ware firii wɔn abusua mu. Wɔhyiraa wɔn mma, na nkyirimma bɛnya asase no.

13Enti afei, me ba, dɔ wo nuanom, na mmu wo nuanom ne wo nkurɔfoɔ mmammarima ne wɔn mmammaa animtia wɔ w’akomam sɛ wonware ɔyere mfiri wɔn mu mma wo ho. Na ahantan mu na ɔsɛeɛ ne sakasakayɛ firie; na akwadworɔ mu wɔ ahokyere a ɛso, ɛsiane sɛ, ɛkɔm ne na ne akwadworɔ.

14Obiara a ɔyɛ w’adwuma no, nkame no n’akatua mma adeɛ nkye so, na mmom tua no ka ntɛm; na sɛ wosom Onyankopɔn a, wobɛnya akatua. Me ba, yɛ ahwɛyie wɔ biribiara a woyɛ ho, na hyɛ wo ho so wɔ wo nneyɛɛ nyinaa mu.

15Na deɛ wompɛ no, mfa nyɛ obi. Nnom nsa mma no mmoro so, anaa nnyegye nsaborɔ so wɔ w’akwan mu.

16Deɛ ɛkɔm de no no, ma no aduane nni, na deɛ ɔda adagya no, fira no ntoma. Fa w’adeɛ a ɛboro soɔ no kyɛ ahiafoɔ, na sɛ wode kyɛ wie a, mma w’ani mmere akyɛdeɛ no.

17Fa w’aduane to ɔteneneeni da so, na mmom mfa mma abɔneyɛfoɔ.

18Hwehwɛ afotuo firi onipa nyansani biara hɔ, na mmu afotuo a mfasoɔ wɔ mu no ade hunu.

19Ɛberɛ nyinaa hyira Awurade Nyankopɔn; bisa no ma w’atempɔn ntenetene na w’akwan ne wo nhyehyɛɛ nyinaa ayɛ prɔmprɔm. Ɛsiane sɛ, amanaman no mu biara nni nteaseɛ; nanso Awurade ankasa na ɔma afotu pa nyinaa; na ne pɛ mu no, ɔbrɛ obiara a ɔno ara pɛ ase.

Saa nti, me ba, kae me mmara, na mma no mpopa mfiri w’adwene mu.

Sika a ɔde gyaa Gabael

20Afei, me ba, ma menkyerɛkyerɛ wo mfa nnwetɛbena du a mede gyaa Gabrias ba Gabael wɔ Rages a ɛwɔ Media no.

211 Ti 6.6-8 Me ba, nsuro, ɛsiane sɛ ohia aka yɛn nti. Wowɔ ahonya kɛseɛ, sɛ wosuro Onyankopɔn na woyi wo ho firi bɔne nyinaa ho na woyɛ adeɛ a ɛsɔ n’ani.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help