1 a ɛwɔ Gibeon.
17Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkoguo Dawid nkoa no anim.
Abner kum Asahel18 1 Be 2.16 Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe.
19Na Asahel pamm Abner, na wammane ankɔ nifa anaa benkum amfiri Abner akyi.
20Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyire, na ɔkaa sɛ: Wo Asahel nie? Na ɔse: Mene no.
21Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire.
22Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn?
232 Sa 3.27 Nanso wampɛ sɛ ɔsane. Ɛnna Abner de ne pea to wɔɔ ne yafunu mu, na pea no hwiree n’akyi, na ɔhwee hɔ wuu hɔ ara. Na obiara a ɔduruu deɛ Asahel wuiɛ hɔ no, ɔgyinae komm.
24Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so.
25Na Benyaminfoɔ boaboaa wɔn ano gyinaa Abner akyi yɛɛ ekuo baako, na wɔkɔgyinaa kokoɔ bi atifi.
26Na Abner bisaa Yoab sɛ: Nkrantɛ nsɛe adeɛ nkɔsi da bɛn? Wonnim sɛ akyire bɛyɛ ɔtan? Na ɛnkɔsi da bɛn ansa na woaka akyerɛ w’asraafoɔ no sɛ wɔnsane mfiri wɔn nuanom akyi?
27Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te aseɛ yi, sɛ woankasa a, anka ɛfiri anɔpa na mmarima no asan afiri wɔn nuanom akyi die.
28Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto no na mmarima no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nso wɔankɔ so anko bio.
29Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim.
30Na Yoab sane firii Abner akyi, na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano no, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel.
31Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia.
32Na wɔsoaa Asahel kɔsiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na adeɛ kyee wɔn Hebron.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
