Numeri 27 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Selofehad mmammaa kyɛfa ho asɛm

1 Num 26.33; 36.2; Yos 17.3-6 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

2Na wɔbɛgyinaa Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano kaa sɛ:

3Num 16.2; 26.65 Yɛn agya wuu ɛserɛ so, nso ɔno deɛ, na ɔmfra asafo a wɔhyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ; nso na ɔnni mmammarima.

4Adɛn nti na yɛn agya din mpepa mfiri n’abusua mu ɛnam sɛ ɔnni babarima nti? Ma yɛn agyapadeɛ yɛn agya ne nuanom mu.

5Lew 24.12 Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim.

6Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

7Selofehad mmammaa asɛm no tene, na ma wɔn agyapadeɛ na wɔnni so wɔn agya nuanom mu, na ma wɔn agya agyapadeɛ no nyɛ wɔn dea.

8Na kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni babarima a, ɛnneɛ momma n’agyapadeɛ nyɛ ne babaa deɛ.

9Na sɛ ɔnni babaa nso a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nuammarimanom;

10na sɛ ɔnni nuabarima nso a, momfa n’agyapadeɛ mma n’agya nuanom.

11Na sɛ n’agya nni nuanom nso a, momfa n’agyapadeɛ mma ne bogya a ɔbɛn no n’abusua mu na ɔnni so. Na yei nyɛ ahyɛdeɛ ne mmara mma Israelfoɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Wɔyi Yosua sɛ Israel kannifoɔ(Deuteronomium 31.1-8)

12 Deut 32.48-49 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔ yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfoɔ no;

13Num 20.24, 28 na sɛ wonya hunu a, wo nso woati wo nananom, sɛdeɛ Aaron tii n’agyanom no,

14Num 20.12-13 ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden Sin serɛ so, asafo no ham mu a anka ɛsɛ sɛ moyɛ me kronkron, nsuo no ho wɔ wɔn ani soɔ no. (Ɛne ɔham nsuo no wɔ Kades, Sin serɛ so.)

15Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ:

16Num 16.22 Ma AWURADE, honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so

17Mat 9.36 a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.

18 Deut 3.21; 34.9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu ne so.

19Na fa no gyina Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim;

202 Ah 2.9, 15 na fa w’animuonyam no bi hyɛ no, na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa ntie no.

21Eks 28.30 Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.

22Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kɔgyinaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim,

23na ɔde ne nsa guu ne so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help