Hesekiel 46 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔberempɔn no afɔrebɔdeɛ

1Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Abannwa ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, wɔnto mu adwumayɛ nna nsia no nyinaa, na homeda no deɛ, wɔnhini, na bosome foforɔ da no nso, wɔnhini.

2Hes 44.3 Na ɔberempɔn no mfiri akyire, mfa ntwonoo kwan pono so mmɛgyina ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho; na asɔfoɔ no mmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔnkoto nsɔre, ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho, na ɔmfiri adi, na ɛpono kɛseɛ no deɛ, wɔnnto mu kɔsi anwummerɛ.

3Na asase no so nnipa no nso nkoto nsɔre ɛpono kɛseɛ no ano, home nna ne abosome foforɔ mu, AWURADE anim.

4Num 28.9 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔberempɔn no mfa mmrɛ AWURADE no nie: Homeda, nnwanten nsia a wɔnni dɛm ne odwennini a ne ho nni dɛm;

5ne aduane afɔdeɛ: Odwennini no deɛ, efa ne nnwanten no ho aduane afɔdeɛ a ne nsa bɛso soɔ ne ngo susutoa a ɛka efa no ho.

6Na bosome foforɔ da no: Nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwanten nsia ne odwennini baako a wɔnni dɛm,

7Hes 45.24 ne nantwinini no ho efa ne odwennini no ho efa na ɔmfa nyɛ aduane afɔdeɛ ne nnwanten no deɛ, sɛdeɛ ne nsa bɛso soɔ, ne ngo susutoa a ɛka efa ho.

8Na sɛ ɔberempɔn no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so nkɔ mu, na ɔmfa hɔ ara mfiri adi.

9Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, deɛ ɔfa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so ba mu bɛsɔreɛ no, ɔmfa anafoɔ fam ponkɛseɛ no kwan so mfiri adi, na deɛ ɔfa anafoɔ fam ponkɛseɛ ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛseɛ no ano mfiri adi; ɔnnsan mmfa ɛpono kɛseɛ a ɔfaa mu baa mu no mu mmfiri adi, na ɔnkɔ n’anim tee mfiri adi.

10Na ɔberempɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔne wɔn mfiri adi.

11 Hes 46.7 Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduane afɔdeɛ nyɛ nantwinini ne aduane efa, ne odwennini ne aduane efa, ne nnwanten ho deɛ ne nsa bɛso soɔ, ne aduane efa ho ngo susutoa.

12Na sɛ ɔberempɔn no rebɛbɔ ayamyi hyeɛ afɔdeɛ anaa ayamyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɛnneɛ wɔnhini no ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, na ɔmmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ɔyɛ no homeda no, na ɔmfiri adi; na n’adifire akyiri no, wɔnto ɛpono kɛseɛ no mu.

13 Num 28.3 Na odwanten a wadi afe a ɔnni dɛm na fa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE; anɔpa anɔpa na bɔ;

14na siesie ɛho aduane afɔdeɛ daa anɔpa, efa nkyɛmu nsia mu baako, ne ngo susutoa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔmfa mfɔre esiam no na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ daa;

15na monsiesie odwanten no, ne aduane afɔdeɛ ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ.

16Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ ɔberempɔn no de n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne mma no bi a, ɛyɛ ne mma no deɛ, wɔn agyapadeɛ mu kyɛfa ne no.

17Lew 25.10 Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnneɛ ɛnyɛ akoa no deɛ nkɔsi ahofadie afe no so, na ɛnsane nkɔyɛ ɔberempɔn no deɛ bio, ɛyɛ ɔno ara agyapadeɛ, ne mma na ɛnyɛ wɔn deɛ.

18Hes 45.8-9 Nanso ɔberempɔn no mmfa ɔmanfoɔ no agyapadeɛ bi, mmpam wɔn mfiri wɔn kyɛfa mu; ɔno ara ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wɔnnie, deɛ ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu onipa biara amfiri n’agyapadeɛ soɔ.

19Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɛpono kɛseɛ no nhyɛnmu no so kɔɔ adammoa kronkron a ɛyɛ asɔfoɔ dea, a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔeɛ fam, akyire nohoa.

20Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.

21Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso.

22Abannwa no ntwea nnan no mu na ntuntuma a wɔabram ho wowɔ a ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne trɛ yɛ basafa dunum, ntweaso ntutuma nnan no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako.

23Na bamma bi twa ntuntuma nnan no mu hyia twan, na wɔayeyɛ mmukyia, mmamma no ase, de atwa ho ahyia.

24Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne aduanenoa adan a efie no mu asomfo no nnoa ɔmanfoɔ no kum afɔdeɛ wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help