1 1 Ah 12.21-24 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadane ahennie no ama Rehoboam.
2Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:
3Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ:
4Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko. Monsane nkɔ mo afie, na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔne Yeroboam ankɔko.
Rehoboam nkuro a ɛyɛ den5Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyeree nkuro maa no yɛɛ den wɔ Yuda,
6na ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,
7Bet-sur, Soko, Adulam,
8Gat, Maresa, Sif,
9Adoraim, Lakis, Aseka,
10Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no.
11Na ɔhyehyɛɛ nkuro no den, na ɔde asafohene ne aduane ne ngo ne nsa akoradeɛ kokɔɔ mu.
12Na ɔde akyɛm ne mpea hyehyɛɛ nkuro no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkuro no den pa ara. Sɛ ɔdii Yuda ne Benyamin so ne no.
13Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔwɔ Israel nyinaa mu firi wɔn ahyeɛ nyinaa so bɛgyinaa n’akyi.
142 Be 13.9 Na Lewifoɔ no gyigyaa wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase ne wɔn agyapadeɛ, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wɔnnni AWURADE asɔfoɔ,
151 Ah 12.31 na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwie mma a ɔyɛeɛ no.
16Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.
17Na wɔmaa Yuda ahennie no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Salomo ba Rehoboam den mfirinhyia mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Salomo kwan so mfeɛ mmiɛnsa.
18 1 Sa 16.6 Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa, ne Abihail a ɔyɛ Yisai ba Eliab babaa,
19na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham maa no.
20Na ɛno akyiri no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abia ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.
21Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sene ne yerenom ne ne mpenafoɔ nyinaa, (na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia).
22Na Rehoboam de Maaka ba Abia yɛɛ ne nuanom no mu tire ne panin, na ɔpɛɛ sɛ ɔsi no hene.
232 Be 21.3 Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.